Add parallel Print Page Options

Yesu Kristo somfo Yuda a ɔyɛ Yakobo ne nua na ɔkyerɛw krataa yi. De kɔmaa wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn na wɔte Agya Onyankopɔn dɔ ne Yesu Kristo banbɔ mu.

Mmɔborɔhunu ne ɔdɔ a ɛdɔɔso nka mo.

Atoro adiyifo

Me nnamfonom, na merebɔ mmɔden akyerɛw mo afa nkwagye a yɛn nyinaa te mu no ho. Nanso ɛsɛ sɛ mekyerɛw mo wɔ asɛm foforo ho na moyere mo ho gyina nokware a Onyankopɔn de ama ne nkurɔfo afebɔɔ a ɛnsɛ sɛ wɔsesa mu nna nyinaa no akyi pintinn. Nnipa bi awiawia wɔn ho abɛfra yɛn mu, a wɔkyea asɛm a ɛfa yɛn Nyankopɔn adom no ho, yi wɔn ho ano wɔ wɔn bɔne ho, nam so po Yesu Kristo a ɔno nko ara na ɔyɛ Wura ne yɛn Awurade no. Kyerɛwsɛm no aka wɔn afobu a aba wɔn so no ho asɛm dedaw.

Ɛwom sɛ munim eyinom dedaw, nanso mepɛ sɛ mekae mo adwene wɔ ogye a Awurade gyee Israelfo fii Misraim asase so na akyiri yi, ɔsɛee wɔn a na wonnye asɛm no nni no ho. Monkae abɔfo a na wɔtra wɔn tumi na wogyaw wɔn atenae no. Woguu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn wɔ sum kabii mu a Onyankopɔn de wɔn asie retwɛn da kɛse no na wabu wɔn atɛn. Monkae Sodom ne Gomora ne nkurow a na atwa wɔn ho ahyia no sɛ, na emu nnipa no yɛ aguamanfo, na wɔde wɔn agu ogya a ennum da no mu, de retwe wɔn aso de abɔ obiara kɔkɔ.

Saa nnipa no nam saa kwan koro no ara so soso dae ma wɔyɛ bɔne tia wɔn nipadua. Wɔtew Onyankopɔn tumi atua, na wɔayaw anuonyamfo a wɔwɔ soro no. Ɔbɔfo panyin Mikael mpo nyɛɛ saa da. Bere a Mikael ne ɔbonsam repere Mose amu so a akasakasa sii wɔn ntam no mpo, wantew ɔbonsam atua, na mmom asɛm a ɔkae ara ne sɛ, “Awurade nka w’anim.” 10 Nanso saa nnipa yi tew nneɛma a wɔnte ase ho atua. Na nneɛma a wonim kwa sɛ nkekaboa no, saa nneɛma koro no ara na ɛsɛe wɔn.

11 Wonnue! Ɔkwan a Kain faa so no ara so na wɔnam. Sikanibere nti, wɔde wɔn ho ahyɛ mfomso a Bileam yɛe no bi ase. Wɔayɛ dɔm sɛnea Kora yɛɛ dɔm no nam so ma wɔasɛe wɔn sɛ ɔno.

12 Wɔte sɛ nkekae fi a ɛwɔ wo nua aduan a ɔne wo di mu a wɔmfɛre ho. Wɔn ani ku wɔn ara wɔn ho. Na wɔte sɛ omununkum a esi na mframa bɔ no nanso osu ntɔ. Wɔte sɛ nnua a ɛnsow aba asusow mu. Wɔte sɛ nnua a wɔatutu ne ntini ama awu koraa.

13 Wɔte sɛ ɛpo asorɔkye a ano yɛ den a, wɔn aniwude a wɔyɛ no huru sɛ ahuru. Wɔte sɛ okyin nsoromma, a Onyankopɔn de wɔn asie esum kabii mu afebɔɔ.

14 Henok, Adam aseni a ɔto no so asia na ɔhyɛɛ saa nnipa yi ho nkɔm teteete se, “Hwɛ, Awurade ne n’abɔfo Kronkron mpempem bɛba, 15 na wɔabebu mo nyinaa atɛn na wɔabu nnebɔneyɛfo nyinaa atɛn wɔ wɔn bɔne a wɔayɛ ne nsɛm a wɔaka atia Onyankopɔn no ho.” 16 Bere biara, saa nnipa yi nwiinwii na wɔde so nso to afoforo so. Wodi wɔn akɔnnɔ akyi. Wɔhoahoa wɔn ho na wotu afoforo aso sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛba abedi wɔn akyi.

Kɔkɔbɔ

17 Me nnamfonom, monkae. Monkae nsɛm a tete no asomafo no ka faa Awurade Yesu Krsito ho. 18 Wɔkae se, “Sɛ awiei no du a, nnipa a wodi mo ho fɛw bɛba, wɔn a wodi wɔn akɔnnɔ akyi.” 19 Eyinom ne nnipa a wɔnam wɔn akɔnnɔ so de mpaepaemu ba no. Na wonni Honhom no wɔ wɔn mu.

20 Enti mo a moyɛ me nnamfonom, mitu mo fo sɛ, monkɔ so mmia mo gyidi mu. Mommɔ mpae wɔ Honhom Kronkron no tumi mu, 21 na montena Onyankopɔn dɔ mu bere a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Krsito wɔ n’ahummɔbɔ mu ama wama mo nkwa a enni awiei no.

22 Munhu akyinnyegyefo mmɔbɔ. 23 Montwe wɔn mfi ogya mu nnye wɔn nkwa. Momfa suro nhu ebinom mmɔbɔ, na munkyi atade a bɔne nkekae akeka mu.

24 Na nea obetumi aso mo mu na moanhintiw, na ɔde mo asi n’anuonyam anim sɛ nnipa a wonni dɛm wɔ ahosan mu no, 25 Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na anuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmere a atwam ne nnɛ ne daa nyinaa. Amen.

Jude,(A) a servant of Jesus Christ(B) and a brother of James,

To those who have been called,(C) who are loved in God the Father and kept for[a] Jesus Christ:(D)

Mercy, peace(E) and love be yours in abundance.(F)

The Sin and Doom of Ungodly People

Dear friends,(G) although I was very eager to write to you about the salvation we share,(H) I felt compelled to write and urge you to contend(I) for the faith(J) that was once for all entrusted to God’s holy people.(K) For certain individuals whose condemnation was written about[b] long ago have secretly slipped in among you.(L) They are ungodly people, who pervert the grace of our God into a license for immorality and deny Jesus Christ our only Sovereign and Lord.(M)

Though you already know all this,(N) I want to remind you(O) that the Lord[c] at one time delivered his people out of Egypt, but later destroyed those who did not believe.(P) And the angels who did not keep their positions of authority but abandoned their proper dwelling—these he has kept in darkness, bound with everlasting chains for judgment on the great Day.(Q) In a similar way, Sodom and Gomorrah(R) and the surrounding towns(S) gave themselves up to sexual immorality and perversion. They serve as an example of those who suffer the punishment of eternal fire.(T)

In the very same way, on the strength of their dreams these ungodly people pollute their own bodies, reject authority and heap abuse on celestial beings.(U) But even the archangel(V) Michael,(W) when he was disputing with the devil about the body of Moses,(X) did not himself dare to condemn him for slander but said, “The Lord rebuke you!”[d](Y) 10 Yet these people slander whatever they do not understand, and the very things they do understand by instinct—as irrational animals do—will destroy them.(Z)

11 Woe to them! They have taken the way of Cain;(AA) they have rushed for profit into Balaam’s error;(AB) they have been destroyed in Korah’s rebellion.(AC)

12 These people are blemishes at your love feasts,(AD) eating with you without the slightest qualm—shepherds who feed only themselves.(AE) They are clouds without rain,(AF) blown along by the wind;(AG) autumn trees, without fruit and uprooted(AH)—twice dead. 13 They are wild waves of the sea,(AI) foaming up their shame;(AJ) wandering stars, for whom blackest darkness has been reserved forever.(AK)

14 Enoch,(AL) the seventh from Adam, prophesied about them: “See, the Lord is coming(AM) with thousands upon thousands of his holy ones(AN) 15 to judge(AO) everyone, and to convict all of them of all the ungodly acts they have committed in their ungodliness, and of all the defiant words ungodly sinners have spoken against him.”[e](AP) 16 These people are grumblers(AQ) and faultfinders; they follow their own evil desires;(AR) they boast(AS) about themselves and flatter others for their own advantage.

A Call to Persevere

17 But, dear friends, remember what the apostles(AT) of our Lord Jesus Christ foretold.(AU) 18 They said to you, “In the last times(AV) there will be scoffers who will follow their own ungodly desires.”(AW) 19 These are the people who divide you, who follow mere natural instincts and do not have the Spirit.(AX)

20 But you, dear friends, by building yourselves up(AY) in your most holy faith(AZ) and praying in the Holy Spirit,(BA) 21 keep yourselves in God’s love as you wait(BB) for the mercy of our Lord Jesus Christ to bring you to eternal life.(BC)

22 Be merciful to those who doubt; 23 save others by snatching them from the fire;(BD) to others show mercy, mixed with fear—hating even the clothing stained by corrupted flesh.[f](BE)

Doxology

24 To him who is able(BF) to keep you from stumbling and to present you before his glorious presence(BG) without fault(BH) and with great joy— 25 to the only God(BI) our Savior be glory, majesty, power and authority, through Jesus Christ our Lord, before all ages, now and forevermore!(BJ) Amen.(BK)

Footnotes

  1. Jude 1:1 Or by; or in
  2. Jude 1:4 Or individuals who were marked out for condemnation
  3. Jude 1:5 Some early manuscripts Jesus
  4. Jude 1:9 Jude is alluding to the Jewish Testament of Moses (approximately the first century a.d.).
  5. Jude 1:15 From the Jewish First Book of Enoch (approximately the first century b.c.)
  6. Jude 1:23 The Greek manuscripts of these verses vary at several points.