Add parallel Print Page Options

Me, Ɔpanyin, mekyerɛw kɔma me dɔfo pa Gaio.

M’adamfo pa, mebɔ mpae sɛ biribiara nkɔ so yiye mma wo, na nya ahoɔden sɛnea minim sɛ honhom fa mu no, wowɔ ahoɔden no. Anuanom bi baa ha bɛka kyerɛɛ me se, woanya nokware no mu gyidi no, na woda so kita nokware no mu no, ɛyɛɛ me anigye yiye. Biribiara nyɛ me anigye nkyɛn sɛ metee sɛ me mma no te nokware mu.

M’adamfo pa, wudi nokware yiye wɔ adwuma a woyɛ ma anuanom no a ɛmfa ho sɛ wɔyɛ ahɔho mpo. Wɔaka ɔdɔ a wodɔ asafo a ɛwɔ ha no ho asɛm. Mesrɛ wo, boa wɔn wɔn akwantu no mu ma ɛnsɔ Onyankopɔn ani. Efisɛ, wɔn kwan a wɔretu no, wɔretu wɔ Kristo din mu a wɔmpɛ mmoa biara mfi wɔn a wɔnyɛ gyidifo no nkyɛn.

Yɛn Kristofo na ɛsɛ sɛ yɛboa saa nnipa no sɛnea yɛne wɔn bɛyɛ nokware no ho adwuma.

Diotrefe

Mekyerɛw krataa tiaa bi kɔmaa asafo no, nanso Diotrefe a n’ani gye sɛ ɔyɛ wɔn panyin no rentie nea meka no. 10 Sɛ meba a, biribiara a wayɛ no, mede ho asɛm bɛto mo anim. Nsɛm a ɛyɛ hu a ɔka fa yɛn ho ne atoro a otwa nyinaa, mɛka ho asɛm. Nanso ɛno nko ara nye mma no. Sɛ anuanom no ba a, ɔrennye wɔn, na obiara a ɔpɛ sɛ ogye wɔn no nso, ɔbɛma no agyae na wabɔ mmɔden apam wɔn afi asafo no mu.

11 M’adamfo pa, munnsua ade bɔne, na mmom munsua ade pa. Obiara a ɔyɛ papa no yɛ Onyankopɔn de. Na obiara a ɔyɛ bɔne no nhuu Onyankopɔn.

12 Obiara ka Demetrio ho asɛm pa, na mpo nokware no ankasa ka ne ho asɛm pa. Na yɛn nso yedi ne ho adanse pa na munim sɛ nea yɛka no yɛ nokware.

Nkyia a etwa to

13 Mewɔ nsɛm bebree ka kyerɛ mo nanso meremfa krataa ne kyerɛwdua so nka. 14 Ɛrenkyɛ biara mehu mo na me ne mo akasa.

15 Asomdwoe nka mo. Mo nnamfonom nyinaa kyiakyia mo. Kyiakyia yɛn nnamfonom nyinaa.

The elder,(A)

To my dear friend Gaius, whom I love in the truth.

Dear friend, I pray that you may enjoy good health and that all may go well with you, even as your soul is getting along well. It gave me great joy when some believers(B) came and testified about your faithfulness to the truth, telling how you continue to walk in it.(C) I have no greater joy than to hear that my children(D) are walking in the truth.(E)

Dear friend, you are faithful in what you are doing for the brothers and sisters,[a](F) even though they are strangers to you.(G) They have told the church about your love. Please send them on their way(H) in a manner that honors(I) God. It was for the sake of the Name(J) that they went out, receiving no help from the pagans.(K) We ought therefore to show hospitality to such people so that we may work together for the truth.

I wrote to the church, but Diotrephes, who loves to be first, will not welcome us. 10 So when I come,(L) I will call attention to what he is doing, spreading malicious nonsense about us. Not satisfied with that, he even refuses to welcome other believers.(M) He also stops those who want to do so and puts them out of the church.(N)

11 Dear friend, do not imitate what is evil but what is good.(O) Anyone who does what is good is from God.(P) Anyone who does what is evil has not seen God.(Q) 12 Demetrius is well spoken of by everyone(R)—and even by the truth itself. We also speak well of him, and you know that our testimony is true.(S)

13 I have much to write you, but I do not want to do so with pen and ink. 14 I hope to see you soon, and we will talk face to face.(T)

15 Peace to you.(U) The friends here send their greetings. Greet the friends there by name.(V)

Footnotes

  1. 3 John 1:5 The Greek word for brothers and sisters (adelphoi) refers here to believers, both men and women, as part of God’s family.