Add parallel Print Page Options

Sardi asafo no nhoma

“Kyerɛw krataa kɔma asafo a ɛwɔ Sardi no se: “Eyi ne asɛm a efi obi a ɔwɔ Onyankopɔn ahohom ason ne nsoromma ason no nkyɛn. Minim nea woreyɛ. “Minim sɛ woagye din sɛ wote ase nanso woawu. Enti nyan na kanyan nea aka wo nkyɛn no na anwu koraa. Efisɛ, mahu sɛ nea woayɛ no nya nnii mu wɔ Onyankopɔn anim. Kae nea wɔkyerɛɛ wo no ne sɛnea wotee no. Di so na twe wo ho fi wo bɔne ho. Sɛ woankanyan wo ho a, mɛba wo so sɛ ɔkorɔmfo, na worenhu bere ko a mɛba.

“Nanso mo mu kakraa bi a wɔwɔ Sardi no mfaa wiase nkekae nkekaa wɔn ntade mu. Wɔne me bɛnantew a wɔhyɛ ntade fitaa efisɛ, ɛsɛ wɔn sɛ wɔyɛ saa. Wɔn a wobedi nkonim no, wɔbɛhyɛ wɔn ntade fitaa, na merentwa wɔn din mfi ateasefo din mu wɔ nhoma no mu. M’Agya no ne abɔfo no anim na mɛda no adi sɛ wɔyɛ me de.

“Sɛ wowɔ aso a, tie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.”

Filadelfia asafo no nhoma

“Kyerɛw krataa kɔma asafo a ɛwɔ Filadelfia no se: “Eyi ne asɛm a efi obi a ɔyɛ kronkron, yɛ nokware a okita safe a na ɛyɛ Dawid de a sɛ obue a, obi ntumi nto mu na ɔto mu nso a, obi ntumi mmue no nkyɛn.

“Minim nea woyɛ. Minim sɛ wowɔ tumi kakra. Woadi me nkyerɛkyerɛ no so nam so adi me nokware. Mabue ɔpon bi wɔ w’anim a obi ntumi nto mu.

“Tie! Kuw a ɔbonsam afa wɔn no, saa atorofo a wɔka se wɔyɛ Yudafo nanso wɔnyɛ bi no, mɛma wɔaba w’anim abebu wo nkotodwe. Wɔn nyinaa behu sɛ medɔ wo.

10 “Esiane sɛ woadi me mmara so anya boasetɔ nti, sɛ ɔhaw a ɛreba wiase nyinaa de asɔ asase so nnipa nyinaa ahwɛ no ba a, megye wo afi mu. 11 Mereba nnansa yi ara. Kora wo agyapade, na obi anwia wo nkonim abotiri no.

12 “Nea obedi nkonim no, mɛyɛ no odum me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfi mu bio da. Mɛkyerɛw me Nyankopɔn din ne me Nyankopɔn kurow din a ɛyɛ Yerusalem foforo a ebefi soro me Nyankopɔn nkyɛn aba no agu ne ho. Bio, mɛkyerɛw me din foforo agu ne ho.

13 “Sɛ wowɔ aso a, ɛnne tie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.’“

Laodikea asafo no nhoma

14 “Kyerɛw krataa kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Laodikea asafo mu no se: “Eyi ne asɛm a efi Amen a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo a ɔyɛ biribiara a Onyankopɔn bɔe no abɔse nkyɛn.

15 “Minim nea woayɛ. Minim sɛ wonyɛ nwunu nso wonyɛ hyew. Me pɛ ne sɛ, anka wobɛyɛ mu baako. 16 Nanso esiane sɛ woyɛ potrobodwo na wonyɛ hyew na wonyɛ nwunu nti, merebɛtew wo sɛ ntasu afi m’anom.

17 “Woka se, Meyɛ ɔdefo na manya me ho na mewɔ nea ehia me nyinaa. Nanso wunnim hia a ahia wo ne mmɔbɔ a woyɛ. Woyɛ ohiani. Woda adagyaw, na w’ani afura.

18 “Enti mitu wo fo se tɔ sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ amapa, fi me nkyɛn sɛnea ɛbɛma woayɛ ɔdefo. Afei tɔ ntade fitaa hyɛ fa kata wo animguase adagyaw no so. Afei tɔ aduru gu w’ani so sɛnea wubehu ade. 19 Mekɔ so twe wɔn a medɔ wɔn no nyinaa aso. Enti bɔ mmɔden na twe wo ho fi bɔne ho.

20 “Tie! Migyina ɔpon no akyi rebɔ mu; sɛ obi te me nne na obue pon no a, mɛba ne fi na me ne no adidi na ɔno nso ne me adidi. 21 Mɛma nkonimdifo no atena m’ahengua no ho sɛnea madi nkonim nti mete m’Agya ahengua ho mprempren no.

22 “Sɛ wowɔ aso a, ɛnne tie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.”

To the Church in Sardis

“To the angel[a] of the church in Sardis(A) write:

These are the words of him who holds the seven spirits[b](B) of God and the seven stars.(C) I know your deeds;(D) you have a reputation of being alive, but you are dead.(E) Wake up! Strengthen what remains and is about to die, for I have found your deeds unfinished in the sight of my God. Remember, therefore, what you have received and heard; hold it fast, and repent.(F) But if you do not wake up, I will come like a thief,(G) and you will not know at what time(H) I will come to you.

Yet you have a few people in Sardis who have not soiled their clothes.(I) They will walk with me, dressed in white,(J) for they are worthy. The one who is victorious(K) will, like them, be dressed in white.(L) I will never blot out the name of that person from the book of life,(M) but will acknowledge that name before my Father(N) and his angels. Whoever has ears, let them hear(O) what the Spirit says to the churches.

To the Church in Philadelphia

“To the angel of the church in Philadelphia(P) write:

These are the words of him who is holy(Q) and true,(R) who holds the key of David.(S) What he opens no one can shut, and what he shuts no one can open. I know your deeds.(T) See, I have placed before you an open door(U) that no one can shut. I know that you have little strength, yet you have kept my word and have not denied my name.(V) I will make those who are of the synagogue of Satan,(W) who claim to be Jews though they are not,(X) but are liars—I will make them come and fall down at your feet(Y) and acknowledge that I have loved you.(Z) 10 Since you have kept my command to endure patiently, I will also keep you(AA) from the hour of trial that is going to come on the whole world(AB) to test(AC) the inhabitants of the earth.(AD)

11 I am coming soon.(AE) Hold on to what you have,(AF) so that no one will take your crown.(AG) 12 The one who is victorious(AH) I will make a pillar(AI) in the temple of my God. Never again will they leave it. I will write on them the name of my God(AJ) and the name of the city of my God,(AK) the new Jerusalem,(AL) which is coming down out of heaven from my God; and I will also write on them my new name. 13 Whoever has ears, let them hear(AM) what the Spirit says to the churches.

To the Church in Laodicea

14 “To the angel of the church in Laodicea(AN) write:

These are the words of the Amen, the faithful and true witness,(AO) the ruler of God’s creation.(AP) 15 I know your deeds,(AQ) that you are neither cold nor hot.(AR) I wish you were either one or the other! 16 So, because you are lukewarm—neither hot nor cold—I am about to spit you out of my mouth. 17 You say, ‘I am rich; I have acquired wealth and do not need a thing.’(AS) But you do not realize that you are wretched, pitiful, poor, blind and naked.(AT) 18 I counsel you to buy from me gold refined in the fire,(AU) so you can become rich; and white clothes(AV) to wear, so you can cover your shameful nakedness;(AW) and salve to put on your eyes, so you can see.

19 Those whom I love I rebuke and discipline.(AX) So be earnest and repent.(AY) 20 Here I am! I stand at the door(AZ) and knock. If anyone hears my voice and opens the door,(BA) I will come in(BB) and eat with that person, and they with me.

21 To the one who is victorious,(BC) I will give the right to sit with me on my throne,(BD) just as I was victorious(BE) and sat down with my Father on his throne. 22 Whoever has ears, let them hear(BF) what the Spirit says to the churches.”

Footnotes

  1. Revelation 3:1 Or messenger; also in verses 7 and 14
  2. Revelation 3:1 That is, the sevenfold Spirit