Add parallel Print Page Options

Gyidi ne bɔneka

10 Anuanom, nea me koma pere hwehwɛ yɛ me mpae a mebɔ srɛ Onyankopɔn ma Israelfo sɛ wobenya nkwagye. Metumi madi wɔn ho adanse sɛ wɔyɛ nnipa a wɔde mmɔdenbɔ som Onyankopɔn sɛnea ɛsɛ. Nanso wɔn som no mfi nimdeɛ mu. Wɔammu trenee a efi Onyankopɔn no na mmom wɔpɛe sɛ wɔfa wɔn ankasa nimdeɛ so. Eyi amma wɔamfa wɔn ho anhyɛ Onyankopɔn pɛ a ɔnam so ma onipa wie pɛyɛ no ase. Kristo abesi mmara no ananmu na obiara a ogye no di no dan ɔtreneeni.

Nkwagye wɔ hɔ ma obiara

Asɛm a Mose ka faa mmara no ho se, sɛ obi di so a, ɔbɛdan ɔtreneeni no ni: “Obiara a odi me mmara so no benya nkwa.” Mmisa wo ho se hena na ɔbɛkɔ soro? Ɛkyerɛ sɛ ɔbɛma Kristo asian. Nka nso se hena na obesian akɔ asaman? Ɛkyerɛ sɛ wobenyan Kristo afi asaman.”

Nea Kyerɛwsɛm no ka ni, “Onyankopɔn asɛm no abɛn wo, ɛda w’ano na ɛwɔ wo koma mu.” Eyi ne asɛm a ɛfa gyidi ho a yɛka no. Sɛ wopae mu ka se, “Yesu ne Awurade”, na wugye di sɛ Onyankopɔn na onyanee no fii awufo mu a, wobegye wo nkwa. 10 Na yɛnam koma so gye di na wɔabu yɛn bem wɔ Onyankopɔn anim, na yɛde yɛn ano pae mu ka na yɛanya nkwagye. 11 Na Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ogye no di no anim rengu ase.” 12 Saa asɛm yi fa obiara ho, efisɛ, nsonsonoe biara nni Yudani ne Amanamanmuni ntam. Onyankopɔn yɛ Awurade koro ma nnipa nyinaa na ohyira wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, 13 sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔbɔ Awurade din no, wobegye no nkwa” no.

14 Ɛbɛyɛ dɛn na wubetumi afrɛ obi a wunnye no nni? Ɛbɛyɛ dɛn nso na wubegye obi a wontee ne ho asɛm adi? Ɛbɛyɛ dɛn na sɛ obi nkaa Asɛmpa no nkyerɛɛ wɔn a, wɔbɛte? 15 Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛnea wɔakyerɛw se, “Asɛmpakafo no ba a wɔreba no yɛ anigyesɛm.”

16 Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛnea Yesaia kae se, “Awurade, hena na wagye yɛn asɛnka adi?” 17 Ɛnne na gyidi no fi asɛnka no tie mu, ɛnna asɛnka no nso nam Kristo ho asɛnka no so ba.

18 Nanso mibisa se, ɛyɛ nokware sɛ wɔante asɛnka no? Nokwarem, wɔtee, sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Wɔn nne duu wiase mmaa nyinaa, na afei wɔn nsɛm duu asase ano.” 19 Mibisa bio se, na Israelfo nnim anaa? Mose ankasa na odii kan maa ho mmuae se, “Mɛma moatwe wɔn a wɔnyɛ ɔman mpo no ho ninkunu. Mɛma mo bo afuw ɔman a wonni ntease.” 20 Na Yesaia si ne bo ka se, “Wɔn a na wɔnhwehwɛ me no huu me. Medaa me ho adi wɔ wɔn a na wommisaa m’ase no anim.” 21 Na nea ɔka faa Israelfo ho ne sɛ, “Daa nyinaa meteɛ me nsa ma nnipa asoɔdenfo a wɔsɔre tia me.”

10 Brothers and sisters, my heart’s desire(A) and prayer to God for the Israelites is that they may be saved. For I can testify about them that they are zealous(B) for God, but their zeal is not based on knowledge. Since they did not know the righteousness of God and sought to establish their own, they did not submit to God’s righteousness.(C) Christ is the culmination of the law(D) so that there may be righteousness for everyone who believes.(E)

Moses writes this about the righteousness that is by the law: “The person who does these things will live by them.”[a](F) But the righteousness that is by faith(G) says: “Do not say in your heart, ‘Who will ascend into heaven?’”[b](H) (that is, to bring Christ down) “or ‘Who will descend into the deep?’”[c](I) (that is, to bring Christ up from the dead).(J) But what does it say? “The word is near you; it is in your mouth and in your heart,”[d](K) that is, the message concerning faith that we proclaim: If you declare(L) with your mouth, “Jesus is Lord,”(M) and believe(N) in your heart that God raised him from the dead,(O) you will be saved.(P) 10 For it is with your heart that you believe and are justified, and it is with your mouth that you profess your faith and are saved. 11 As Scripture says, “Anyone who believes in him will never be put to shame.”[e](Q) 12 For there is no difference between Jew and Gentile(R)—the same Lord is Lord of all(S) and richly blesses all who call on him, 13 for, “Everyone who calls on the name of the Lord(T) will be saved.”[f](U)

14 How, then, can they call on the one they have not believed in? And how can they believe in the one of whom they have not heard? And how can they hear without someone preaching to them? 15 And how can anyone preach unless they are sent? As it is written: “How beautiful are the feet of those who bring good news!”[g](V)

16 But not all the Israelites accepted the good news.(W) For Isaiah says, “Lord, who has believed our message?”[h](X) 17 Consequently, faith comes from hearing the message,(Y) and the message is heard through the word about Christ.(Z) 18 But I ask: Did they not hear? Of course they did:

“Their voice has gone out into all the earth,
    their words to the ends of the world.”[i](AA)

19 Again I ask: Did Israel not understand? First, Moses says,

“I will make you envious(AB) by those who are not a nation;
    I will make you angry by a nation that has no understanding.”[j](AC)

20 And Isaiah boldly says,

“I was found by those who did not seek me;
    I revealed myself to those who did not ask for me.”[k](AD)

21 But concerning Israel he says,

“All day long I have held out my hands
    to a disobedient and obstinate people.”[l](AE)

Footnotes

  1. Romans 10:5 Lev. 18:5
  2. Romans 10:6 Deut. 30:12
  3. Romans 10:7 Deut. 30:13
  4. Romans 10:8 Deut. 30:14
  5. Romans 10:11 Isaiah 28:16 (see Septuagint)
  6. Romans 10:13 Joel 2:32
  7. Romans 10:15 Isaiah 52:7
  8. Romans 10:16 Isaiah 53:1
  9. Romans 10:18 Psalm 19:4
  10. Romans 10:19 Deut. 32:21
  11. Romans 10:20 Isaiah 65:1
  12. Romans 10:21 Isaiah 65:2