Add parallel Print Page Options

Ɔhene Nyankopɔn

93 Awurade yɛ ɔhene. Ɔwɔ tumi ne ahoɔden. Wabɔ asase ma atim dennen na wɔrentumi ntu. O Awurade, w’ahengua ase atim fi mfitiase na wowɔ hɔ ansa na wɔrehyɛ bere ase. Ɛpo ase pɛɛ ma ne nne so, O Awurade; wɔma wɔn nne so woro so. Awurade yɛ Otumfoɔ wɔ soro sen ɛpo nworoso ne n’asorɔkye a ano yɛ den. Wo mmara tim hɔ daa, Awurade, na wo fi yɛ kronkron daa nyinaa.