Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn Atemmu ne Adom

52 Ɔkɛseɛ, adɛn nti na wohoahoa wo ho wɔ wo bɔne ho? Onyankopɔn dɔ wɔ hɔ daa. Woyɛ nhyehyɛe de sɛe afoforo; wo tɛkrɛma yɛ nnam sɛ oyiwan. Bere biara wopɛ atoro foforo twa. W’ani gye bɔne ho sen papa. Saa ara na w’ani gye atoro ho sen nokware. W’ani gye sɛ wode w’anom nsɛm pira afoforo; wo ɔtorofo!

Eyi nti, Onyankopɔn bɛsɛe wo pasaa; ɔbɛkyere wo, na watwe wo afi wo fi. Obeyi wo afi ateasefo mu. Atreneefo behu eyi na wɔasuro; na wɔbɛserew wo aka se, “Hwɛ, oyi ne onipa a wamfa ne ho anto Onyankopɔn so ampɛ nkwagye no. Mmom, ɔde ne ho too n’ahonya dodow so na ɔpɛɛ guankɔbea wɔ amumɔyɛ mu.”

Nanso mete sɛ ngodua a ɛrenyin wɔ Onyankopɔn fi. Mede me ho to ne dɔ a ɔdɔ me daadaa no so. Daa mɛda wo ase, Onyankopɔn, wɔ nea woayɛ no so wɔ nnipa nyinaa anim. Mɛpae mu maka se, woyɛ trenee.