Add parallel Print Page Options

Wɔbɔ Yesu ho pɔw

26 Yesu wiee nsɛm yi ka no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no se, “Munim sɛ aka nnanu na Twam Afahyɛ no adu, na wobeyi Onipa Ba no ama, na wɔabɔ no asennua mu.”

Saa bere no ara na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi ahyia mu wɔ ɔsɔfo panyin Kaiafa fi, retu agyina, ahwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu, akum no a obiara renhu akyi. Nanso, wɔkae se, “Ɛnsɛ sɛ wɔkyere no Twam Afahyɛ no mu, anyɛ saa a, ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu.”

Wɔsra Yesu ngo wɔ Betania

Afei Yesu kɔɔ Betania, na ɔkɔɔ Simon, ɔkwatani fi. Ɔwɔ hɔ redidi no, ɔbea bi a okita ngo huamhuamhuam bi a ne bo yɛ den yiye toa ma baa hɔ, behwie guu Yesu tirim.

Bere a asuafo no huu eyi no anyɛ wɔn dɛ. Wɔkae se, “Adesɛe yi ase ne dɛn? Anka wobetumi atɔn srade huamhuamhuam yi anya sika bebree de ama ahiafo.”

10 Yesu huu wɔn adwene, na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Adɛn na moka nea ɔbea yi yɛɛ yi ho asɛm saa? Wayɛ ade pa ama me. 11 Mo ne ahiafo wɔ ha daa, na me de, me ne mo nni hɔ daa. 12 Wahwie ngo huahuamhuam yi agu me so, de asiesie me nipadua ama me sie. 13 Wɔde nea wayɛ yi bɛkae no daa. Wɔbɛka nea ɔyɛe yi wɔ wiase baabiara a wɔbɛka Asɛmpa no.”

Yuda pene so sɛ obeyi Yesu ama

14 Afei, Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn, 15 kobisaa wɔn se, “Sɛ miyi Yesu ma mo a, ahe na mode bɛma me?” Wɔmaa no nnwetɛbona aduasa. 16 Efi saa bere no, Yuda hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ayi no ama wɔn.

Yesu ne n’asuafo adidi a edi akyiri

17 Twam Afahyɛ da a edi kan no, asuafo no baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkodi Twam Afahyɛ no.?”

18 Ɔbuaa wɔn se, “Monkɔ kurow no mu nkohu ɔpanyin asomasi nka nkyerɛ no se, ‘Yɛn Wura se, ne bere abɛn, na wo fi na ɔne n’asuafo no bedi Twam Afahyɛ no.’ 19 Asuafo no dii nea ɔka kyerɛɛ wɔn no so, yɛɛ Twam Afahyɛ aduan a wobedi wɔ ofi a wonyae no mu.

20 Eduu anwummere a ɔne Dumien no te adidii no, 21 ɔkae se, “Mo mu baako beyi me ama.”

22 Asɛm yi maa wɔn werɛ howee yiye, na wofii ase bisabisae mmaako mmaako se, “Awurade, ɛyɛ me anaa?”

23 Yesu buae se, “Nea medi kan de aduan ama no no, ɔno ne saa onipa no. 24 Ɛsɛ sɛ Onipa Ba no wu sɛnea odiyifo no hyɛɛ ne ho nkɔm no; nanso onipa a obeyi Onipa Ba no ama no, nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka eye.”

25 Yuda nso bisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɛyɛ me anaa?” Yesu buaa no se, “Yiw.”

Awurade adidi

26 Bere a wɔredidi no, Yesu faa abodoo, na ɔhyiraa so bubuu mu, de maa n’asuafo no kae se, “Munnye nni, eyi ne me nipadua.”

27 Na ɔfaa kuruwa a nsa dɔkɔdɔkɔ wɔ mu, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn kae se, “Mo nyinaa monnom bi, 28 na eyi ne me mogya a ɛhyɛ Apam Foforo no mu den. Wohwie gu ma nnipa bebree nya bɔne fafiri. 29 Montie nea mereka yi yiye. Merennom saa nsa yi bi bio da, de bɛkɔ akosi da a me ne mo bɛnom bi bio wɔ m’agya Ahenni no mu.”

30 Na wɔtoo dwom wiei no, wofii adi kɔɔ Ngo Bepɔw no so.

Yesu hyɛ Petro pa a ɔbɛpa no no ho nkɔm

31 Woduu nea wɔrekɔ hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Anadwo yi, mo nyinaa beguan agya me. Na wɔakyerɛw sɛ, ‘Onyankopɔn bɛbɔ oguanhwɛfo no, na nguankuw no abɔ apete.’ 32 Na sɛ mesan ba nkwa mu bio a, mɛkɔ Galilea na makohyia mo wɔ hɔ.”

33 Petro ka kyerɛɛ no se, “Sɛ nnipa nyinaa beguan agya wo a, me de, merenguan nnya wo da.” 34 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nokwarem, anadwo yi, akokɔ remmɔn, na woapa me mpɛn abiɛsa!”

35 Petro kae bio se, “Medi kan mawu!” Asuafo no nyinaa nso kaa saa asɛm koro yi ara.

Yesu bɔ mpae wɔ Getsemane

36 Yesu de wɔn kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane. Woduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, wɔntena hɔ ntwɛn no, na ɔrekɔ n’anim akɔbɔ mpae. 37 Ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu a wɔn din de Yakobo ne Yohane kaa ne ho. Ne werɛ fii ase howee na ne ho nso yeraw no.

38 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awerɛhow ahyɛ me kra so de kɔ owu mu. Montena ha na mo ne me nwɛn.”

39 Na ɔkɔɔ n’anim kakra de n’anim kobutuw fam bɔɔ mpae se, “Magya, sɛ ebetumi a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso, nea wopɛ na ɛnyɛ, na ɛnyɛ nea mepɛ.”

40 Na ɔsan baa asuafo baasa no nkyɛn behui sɛ wɔadeda. Ɔfrɛɛ Petro bisaa no se, “Petro, woantumi antena ase ne me anwɛn dɔnhwerew baako mpo? 41 Monwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ de, nanso, ɔhonam yɛ mmerɛw!”

42 Ɔsan gyaw wɔn hɔ bio kɔbɔɔ mpae bio se, “M’agya, sɛ kuruwa yi rentwa me ho nkɔ, na nom ara na ɛsɛ sɛ menom nea ɛwɔ mu no a, nea wopɛ nyɛ.”

43 Ɔsan baa wɔn nkyɛn bio, behui sɛ wɔadeda efisɛ, na wɔn ani kum yiye. 44 Ɔsan kɔɔ mpaebɔ a ɛto so mpɛn abiɛsa so, kɔbɔɔ mpae, kaa asɛm koro no ara.

45 Ɔsan baa asuafo no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn se, “Afei de, monna, na monhome. Nanso, dɔn no adu. Wɔrebeyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa! 46 Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ! Nea ɔreyi me ama no na ɔreba no!

Wɔkyere Yesu

47 Ogu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako ne dɔm a Yudafo mpanyin asoma wɔn, a wokitakita nkrante ne mmaa baa hɔ. 48 Na Yuda aka akyerɛ wɔn se, wɔnkyere onipa a ɔbɛyɛ no atuu no, efisɛ, ɔno ne onipa a wɔrehwehwɛ no no. 49 Yuda baa Yesu nkyɛn bɛbam no kae se, “Me Wura, atuu!”

50 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Damfo, nea wobaa ha sɛ worebɛyɛ no, yɛ no ntɛm.” Ɛhɔ ara, wɔn a wɔne Yuda nam no kyeree Yesu.

51 Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee ne nkrante de twaa ɔsɔfo panyin no akoa bi aso.

52 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Tow wo nkrante no kyene. Na wɔn a wɔtwe nkrante no, nkrante ano na wobewu. 53 Munnim sɛ metumi aka akyerɛ m’agya na wasoma n’abɔfompempem aba ntɛm so, na wɔabɛbɔ yɛn ho ban? 54 Nanso, sɛ meyɛ saa a, ɛbɛyɛ dɛn na nea Kyerɛwsɛm ka wɔ nea asi yi ho no bɛba mu?”

55 Yesu bisaa dɔm a wɔbaa ne so no se, “Meyɛ owudifo nti na mode nkrante ne mmaa aba me so sɛ mode rebɛkyere me? Metenaa mo nkyɛn kyerɛkyerɛɛ wɔ Asɔrefi da biara da nso moansiw me kwan. 56 Nanso, eyi nyinaa aba sɛnea ɛbɛyɛ a, nea adiyifo no kae wɔ Kyerɛwsɛm mu no bɛba mu.”Saa bere no ara mu na asuafo no nyinaa guan gyaa no.

Yesu gyina Kaiafa anim

57 Afei dɔm a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ ɔsɔfo panyin Kaiafa anim, faako a Yudafo mpanyin nyinaa ahyia hɔ. 58 Petro tew ne ho dii nnipadɔm no akyi kɔɔ ɔsɔfo panyin no fi hɔ bi. Ɔkɔtenaa asomfo a wɔwɔ hɔ no mu sɛ ɔrehwɛ asɛm a ebesi.

59 Asɔfo mpanyin ne Yudafo asennifo akunini nyinaa hyiae wɔ hɔ, hwehwɛe sɛ wobenya adansefo bi a wobedi adansekurum ato Yesu so, na wɔagyina so abu no kumfɔ. 60  Nnipa bebree bedii adanse, nanso wohui sɛ wɔredi adansekurum efisɛ, na wɔn nsɛm a wɔka no nyinaa bɔ abira.Akyiri yi, nnipa baanu bi ba bɛkae 61 se, “Saa onipa yi kae se, ‘Metumi abubu Onyankopɔn Asɔredan na masi no nnansa!’ “

62 Ɔsɔfo panyin no sɔre bisaa Yesu se, “Dɛn na wowɔ ka? Wokaa saa anaasɛ woanka saa?” 63 Nanso, Yesu ammua no. Ɔsɔfo panyin no ka kyerɛɛ no se, “Meka Onyankopɔn teasefo no sɛ, sɛ wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no a, ka kyerɛ yɛn!”

64 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Yiw, woaka. Na daakye mubehu me, Agyenkwa no, sɛ mete Onyankopɔn nifa, na menam omununkum mu resian aba.”

65 Ɔsɔfo panyin no sunsuanee n’atade mu teɛɛm se, “Abususɛm! Adansefo bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkae no! 66 Asɛm bɛn na mowɔ ka?” Wɔn nyinaa teɛɛm se, “Ɔsɛ owu! Ɔsɛ owu! Ɔsɛ owu!”

67 Afei wɔtew ntasu guu n’ani so, ebinom bobɔɔ no akuturuku, na ebinom nso bobɔɔ no asotɔre 68 kae se, “Wone Agyenkwa no! Kyerɛ yɛn nea ɔbɔɔ wo?”

Petro pa Yesu

69 Saa bere no na Petro te adiwo. Abeawa bi baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Wo nso na wo ne Yesu na ɛnam. Mo nyinaa mufi Galilea.”

70 Nanso, Petro de abufuw san n’ano se, “Minnim nea woreka yi ho hwee.”

71 Akyiri yi, abeawa foforo bi hyiaa no ɔpon bi ano ka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn gyina hɔ no se, “Na saa ɔbarima yi ne Yesu Nasaretni no na ɛnam.”

72 Petro de ntam san n’ano bio se, “Minnim saa onipa a moreka ne ho asɛm no.”

73 Ɛkyɛɛ kakra no, mmarima a wogyina hɔ no mu bi bɛka kyerɛɛ no se, “Yenim sɛ woyɛ n’asuafo no mu baako na wo kasa nso yi wo adi sɛ woyɛ Galileani.”

74 Petro fii ase dii nsew, kekaa ntam se, “Minnim onipa no. Sɛ nkontompo na meretwa a, Onyankopɔn ntua me so ka.” Amonom hɔ ara, na akokɔ bɔnee. 75 Ɛhɔ na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no se, “Akokɔ remmɔn na woapa me mpɛn abiɛsa” no. Na ofii adi kosui.

The Plot Against Jesus(A)

26 When Jesus had finished saying all these things,(B) he said to his disciples, “As you know, the Passover(C) is two days away—and the Son of Man will be handed over to be crucified.”

Then the chief priests and the elders of the people assembled(D) in the palace of the high priest, whose name was Caiaphas,(E) and they schemed to arrest Jesus secretly and kill him.(F) “But not during the festival,” they said, “or there may be a riot(G) among the people.”

Jesus Anointed at Bethany(H)(I)

While Jesus was in Bethany(J) in the home of Simon the Leper, a woman came to him with an alabaster jar of very expensive perfume, which she poured on his head as he was reclining at the table.

When the disciples saw this, they were indignant. “Why this waste?” they asked. “This perfume could have been sold at a high price and the money given to the poor.”

10 Aware of this, Jesus said to them, “Why are you bothering this woman? She has done a beautiful thing to me. 11 The poor you will always have with you,[a](K) but you will not always have me. 12 When she poured this perfume on my body, she did it to prepare me for burial.(L) 13 Truly I tell you, wherever this gospel is preached throughout the world, what she has done will also be told, in memory of her.”

Judas Agrees to Betray Jesus(M)

14 Then one of the Twelve—the one called Judas Iscariot(N)—went to the chief priests 15 and asked, “What are you willing to give me if I deliver him over to you?” So they counted out for him thirty pieces of silver.(O) 16 From then on Judas watched for an opportunity to hand him over.

The Last Supper(P)(Q)(R)

17 On the first day of the Festival of Unleavened Bread,(S) the disciples came to Jesus and asked, “Where do you want us to make preparations for you to eat the Passover?”(T)

18 He replied, “Go into the city to a certain man and tell him, ‘The Teacher says: My appointed time(U) is near. I am going to celebrate the Passover with my disciples at your house.’” 19 So the disciples did as Jesus had directed them and prepared the Passover.

20 When evening came, Jesus was reclining at the table with the Twelve. 21 And while they were eating, he said, “Truly I tell you, one of you will betray me.”(V)

22 They were very sad and began to say to him one after the other, “Surely you don’t mean me, Lord?”

23 Jesus replied, “The one who has dipped his hand into the bowl with me will betray me.(W) 24 The Son of Man will go just as it is written about him.(X) But woe to that man who betrays the Son of Man! It would be better for him if he had not been born.”

25 Then Judas, the one who would betray him,(Y) said, “Surely you don’t mean me, Rabbi?”(Z)

Jesus answered, “You have said so.”

26 While they were eating, Jesus took bread, and when he had given thanks, he broke it(AA) and gave it to his disciples, saying, “Take and eat; this is my body.”

27 Then he took a cup,(AB) and when he had given thanks, he gave it to them, saying, “Drink from it, all of you. 28 This is my blood of the[b] covenant,(AC) which is poured out for many for the forgiveness of sins.(AD) 29 I tell you, I will not drink from this fruit of the vine from now on until that day when I drink it new with you(AE) in my Father’s kingdom.”

30 When they had sung a hymn, they went out to the Mount of Olives.(AF)

Jesus Predicts Peter’s Denial(AG)

31 Then Jesus told them, “This very night you will all fall away on account of me,(AH) for it is written:

“‘I will strike the shepherd,
    and the sheep of the flock will be scattered.’[c](AI)

32 But after I have risen, I will go ahead of you into Galilee.”(AJ)

33 Peter replied, “Even if all fall away on account of you, I never will.”

34 “Truly I tell you,” Jesus answered, “this very night, before the rooster crows, you will disown me three times.”(AK)

35 But Peter declared, “Even if I have to die with you,(AL) I will never disown you.” And all the other disciples said the same.

Gethsemane(AM)

36 Then Jesus went with his disciples to a place called Gethsemane, and he said to them, “Sit here while I go over there and pray.” 37 He took Peter and the two sons of Zebedee(AN) along with him, and he began to be sorrowful and troubled. 38 Then he said to them, “My soul is overwhelmed with sorrow(AO) to the point of death. Stay here and keep watch with me.”(AP)

39 Going a little farther, he fell with his face to the ground and prayed, “My Father, if it is possible, may this cup(AQ) be taken from me. Yet not as I will, but as you will.”(AR)

40 Then he returned to his disciples and found them sleeping. “Couldn’t you men keep watch with me(AS) for one hour?” he asked Peter. 41 “Watch and pray so that you will not fall into temptation.(AT) The spirit is willing, but the flesh is weak.”

42 He went away a second time and prayed, “My Father, if it is not possible for this cup to be taken away unless I drink it, may your will be done.”(AU)

43 When he came back, he again found them sleeping, because their eyes were heavy. 44 So he left them and went away once more and prayed the third time, saying the same thing.

45 Then he returned to the disciples and said to them, “Are you still sleeping and resting? Look, the hour(AV) has come, and the Son of Man is delivered into the hands of sinners. 46 Rise! Let us go! Here comes my betrayer!”

Jesus Arrested(AW)

47 While he was still speaking, Judas,(AX) one of the Twelve, arrived. With him was a large crowd armed with swords and clubs, sent from the chief priests and the elders of the people. 48 Now the betrayer had arranged a signal with them: “The one I kiss is the man; arrest him.” 49 Going at once to Jesus, Judas said, “Greetings, Rabbi!”(AY) and kissed him.

50 Jesus replied, “Do what you came for, friend.”[d](AZ)

Then the men stepped forward, seized Jesus and arrested him. 51 With that, one of Jesus’ companions reached for his sword,(BA) drew it out and struck the servant of the high priest, cutting off his ear.(BB)

52 “Put your sword back in its place,” Jesus said to him, “for all who draw the sword will die by the sword.(BC) 53 Do you think I cannot call on my Father, and he will at once put at my disposal more than twelve legions of angels?(BD) 54 But how then would the Scriptures be fulfilled(BE) that say it must happen in this way?”

55 In that hour Jesus said to the crowd, “Am I leading a rebellion, that you have come out with swords and clubs to capture me? Every day I sat in the temple courts teaching,(BF) and you did not arrest me. 56 But this has all taken place that the writings of the prophets might be fulfilled.”(BG) Then all the disciples deserted him and fled.

Jesus Before the Sanhedrin(BH)

57 Those who had arrested Jesus took him to Caiaphas(BI) the high priest, where the teachers of the law and the elders had assembled. 58 But Peter followed him at a distance, right up to the courtyard of the high priest.(BJ) He entered and sat down with the guards(BK) to see the outcome.

59 The chief priests and the whole Sanhedrin(BL) were looking for false evidence against Jesus so that they could put him to death. 60 But they did not find any, though many false witnesses(BM) came forward.

Finally two(BN) came forward 61 and declared, “This fellow said, ‘I am able to destroy the temple of God and rebuild it in three days.’”(BO)

62 Then the high priest stood up and said to Jesus, “Are you not going to answer? What is this testimony that these men are bringing against you?” 63 But Jesus remained silent.(BP)

The high priest said to him, “I charge you under oath(BQ) by the living God:(BR) Tell us if you are the Messiah,(BS) the Son of God.”(BT)

64 “You have said so,”(BU) Jesus replied. “But I say to all of you: From now on you will see the Son of Man sitting at the right hand of the Mighty One(BV) and coming on the clouds of heaven.”[e](BW)

65 Then the high priest tore his clothes(BX) and said, “He has spoken blasphemy! Why do we need any more witnesses? Look, now you have heard the blasphemy. 66 What do you think?”

“He is worthy of death,”(BY) they answered.

67 Then they spit in his face and struck him with their fists.(BZ) Others slapped him 68 and said, “Prophesy to us, Messiah. Who hit you?”(CA)

Peter Disowns Jesus(CB)

69 Now Peter was sitting out in the courtyard, and a servant girl came to him. “You also were with Jesus of Galilee,” she said.

70 But he denied it before them all. “I don’t know what you’re talking about,” he said.

71 Then he went out to the gateway, where another servant girl saw him and said to the people there, “This fellow was with Jesus of Nazareth.”

72 He denied it again, with an oath: “I don’t know the man!”

73 After a little while, those standing there went up to Peter and said, “Surely you are one of them; your accent gives you away.”

74 Then he began to call down curses, and he swore to them, “I don’t know the man!”

Immediately a rooster crowed. 75 Then Peter remembered the word Jesus had spoken: “Before the rooster crows, you will disown me three times.”(CC) And he went outside and wept bitterly.

Footnotes

  1. Matthew 26:11 See Deut. 15:11.
  2. Matthew 26:28 Some manuscripts the new
  3. Matthew 26:31 Zech. 13:7
  4. Matthew 26:50 Or “Why have you come, friend?”
  5. Matthew 26:64 See Psalm 110:1; Daniel 7:13.