Add parallel Print Page Options

Bɔne, gyidi ne asɛde

17 Da bi Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no se, “Ɛyɛ dɛn ara a sɔhwɛ a ɛde onipa kɔ bɔne mu no bɛba, nanso onipa a ɛnam no so bɛba no, onnue. Eye ma saa onipa no sɛ wɔde ɔbo a emu yɛ duru bi bɛsɛn ne kɔn mu atow no akyene po mu sen sɛ ɔbɛto nkumaa yi mu baako hintidua ama wayɛ bɔne. Enti monhwɛ mo ho so yiye. Sɛ wo nua fom wo a, ka n’anim na sɛ onu ne ho a, fa ne bɔne kyɛ no. Sɛ nso ɔfom wo mpɛn ason da koro na mpɛn dodow a ɔfom wo no nyinaa, ɔde ahonu srɛ wo a, fa kyɛ no.”

Da bi, asomafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, hyɛ yɛn gyidi mu den.”

Yesu buaa wɔn se, “Sɛ mowɔ gyidi te sɛ onyaa aba a, anka mubetumi aka akyerɛ ankye yi se, ‘Tutu kogu po mu,’ na ɛbɛba mu saa. Mo mu hena na ɔwɔ ɔsomfo a ɔyɛ n’afum adwuma anaasɛ ɔhwɛ ne mmoa na ofi afum ba a, ɔbɛka akyerɛ no se, ‘W’aduan si hɔ na kodidi?’ Na mmom ɔrenka nkyerɛ no se, ‘Noa aduan ma me na sɛ mididi wie a, wo nso woakodidi?’ Sɛ ɔsomfo yi yɛ n’asɛde yi a, ne wura no bɛda no ase anaa? 10 Saa ara nso na sɛ mo nso moyɛ mo asɛde a, ɛsɛ sɛ moka se, ‘Yɛyɛ asomfo a ayeyi mfata yɛn, yɛn asɛde a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛayɛ no.’ “

Akwatafo du no ayaresa

11 Bere bi a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea hye so. 12 Ɔrebɛn akuraa bi ase no akwatafo du bi a na wogyinagyina kurotia no huu no 13 teɛteɛɛm se, “Yesu, yɛn wura, hu yɛn mmɔbɔ.”

14 Yesu huu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa mo ho nkɔkyerɛ ɔsɔfo!” Bere a akwatafo no rekɔ no, wɔn ho yɛɛ wɔn den.

15 Wɔn mu baako hui sɛ ne ho ayɛ no den no, ɔsan n’akyi de ahurusi yii Onyankopɔn ayɛ se, “Anuonyam nka Onyankopɔn, wama me ho ayɛ me den!” 16 Ɔbɛkotow Yesu anim daa no ase. Na saa ɔbarima yi yɛ Samaria ni.

17 Yesu bisae se, “Ɛnyɛ nnipa du na wɔn ho yɛɛ wɔn den? Baakron a wɔaka no wɔ he? 18 Adɛn nti na ɔmanfrani yi nko na wasan aba sɛ ɔrebeyi Onyankopɔn ayɛ?”

19 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɔre kɔ; wo gyidi ama wo ho ayɛ wo den.”

20 Da bi Farisifo bi bisaa Yesu se, “Bere bɛn na Onyankopɔn Ahenni no bɛba?” Yesu buaa wɔn se, “Onyankopɔn Ahenni no nnam nsenkyerɛnne bi a mubehu so na ɛbɛba, 21 na obi rentumi nkyerɛ mo se, ‘Ɛwɔ ha anaa ɛhɔ! Efisɛ, Onyankopɔn Ahenni no te mo mu.”

22 Na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no se, “Mmere bi bɛba a mo ani begyina sɛ mubehu me bere tiaa bi wɔ mo nkyɛn nanso morenhu me. 23 Sɛ nnipa ka kyerɛ mo se mewɔ ha anaa baabi foforo a, munnni wɔn akyi. 24 Sɛnea anyinam pa gya wɔ wim ma nnipa nyinaa hu no, saa ara nso na me ba a mɛsan aba no, bɛyɛ. 25 Nanso ansa na eyinom nyinaa bɛba mu no, ɛsɛ sɛ mihu amane na me nkurɔfo nso po me.

26 “Sɛnea Noa bere so nnipa yɛɛ asoɔden no, saa ara nso na sɛ meba a, ɛbɛyɛ ne no. 27 Saa bere no, nnipa didii, nomee, warewaree kɔsii sɛ Noa kɔhyɛɛ hyɛn no mu na nsuyiri bɛfaa saa nnipa no nyinaa.

28 “Saa ara nso na Lot bere so no, na ɛte. Nnipa didii, nomee, dii gua, yɛɛ mfuw, sisii adan, 29 kosii sɛ Lot fii Sodom na ogya ne sɔfere fi soro bɛhyew saa nnipa no nyinaa. 30 Saa ara nso na da a mɛsan aba no, ɛbɛyɛ.

31 “Saa da no, ɛnsɛ sɛ obiara a ɔwɔ adwuma mu, afuw mu anaa gua so san n’akyi ba fie sɛ ɔrebɛsesaw n’ahode. 32 Monkae asɛm a ɛtoo Lot yere. 33 Obiara a ɔdɔ ne kra no, ebefi ne nsa. Na nea ɔbɛhwere ne kra no, benya. 34 Da no, wɔbɛfa nnipa baanu a wɔda faako no mu baako agyaw ɔbaako. 35 Saa ara nso na wɔbɛfa mmea baanu a wɔrenoa aduan no mu baako agyaw ɔbaako. 36 Mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma wɔ afum no nso, wɔbɛfa ɔbaako agyaw ɔbaako.”

37 Asuafo no bisaa Yesu se, “Awurade, ɛhe na wɔde wɔn bɛkɔ?” Yesu buaa wɔn se, “Baabi a efunu wɔ no, apete mpa hɔ!”