Add parallel Print Page Options

Kristo ho asɛnka wɔ asɛnnua so

Anuanom, bere a mebaa mo nkyɛn bɛkaa Onyankopɔn ho ahintasɛm a ɛyɛ nokware kyerɛɛ mo no, manka asɛm a ɛkyere adwene anaa nyansa a ɛtra so mu. Meyɛɛ m’adwene sɛ bere a me ne mo wɔ hɔ no, mɛma me werɛ afi biribiara gye Yesu Kristo nko na ne titiriw no, ne wu wɔ asɛnnua no so no. Enti bere a mebaa mo hɔ no, na meyɛ mmerɛw a ehu ne ahopopo aka me. Na me nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛe no nso mannyina anyansasɛm ne nnipa adwene so na mekyerɛkyerɛe na mmom menam kasa pa so daa tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Honhom Kronkron no mu no adi. Enti mo gyidi nnyina onipa nyansa so na mmom egyina Onyankopɔn tumi so.

Onyankopɔn nyansa

Mekasa nyansa mu kyerɛ wɔn a wɔanyin wɔ Honhom mu. Nanso saa nyansa no nyɛ wiase nyansa anaa wiase yi mu tumi horow a wɔn tumi resa no. Nyansasɛm a meka no yɛ Onyankopɔn nyansa a wɔde ahintaw nnipa a Onyankopɔn no ankasa ayi ato hɔ ama yɛn dedaw sɛ yɛn anuonyam ahyɛde ansa na wɔrebɔ wiase. Aman sodifo biara nnim saa nyansa no. Sɛ wonim a, anka wɔremmɔ Awurade a anuonyam ahyɛ no ma no asɛnnua mu.

Kyerɛwsɛm no ka se, “Nea onipa biara anhu na wante da, nea onipa biara annwen ho sɛ ɛbɛba da no ne ade a Onyankopɔn no ara siesie ma wɔn a wɔdɔ no no.” 10 Na yɛn na Onyankopɔn nam ne Honhom Kronkron no so ada n’ahintasɛm adi akyerɛ yɛn. Honhom no pɛɛpɛɛ biribiara mu kosi Onyankopɔn ahintasɛm a emu dɔ no so. 11 Onipa de, ɔno ara ne honhom a ɛte ne mu no na enim ne ho nsɛm nyinaa; saa ara nso na Onyankopɔn Honhom no nko ara na enim Onyankopɔn ho nsɛm nyinaa. 12 Ɛnyɛ wiase yi mu honhom na yɛanya; Honhom Kronkron a Onyankopɔn somaa no no na yɛanya sɛnea ɛbɛma yɛahu nea Onyankopɔn de ama yɛn no nyinaa.

13 Enti ɛnyɛ nsɛm a nnipa de wɔn nyansa akyerɛ yɛn no na yɛka na mmom nsɛm a Honhom no akyerɛ yɛn no na yɛnam Honhom no mu nokware ada saa Honhom no adi akyerɛ wɔn a wɔwɔ Honhom no. 14 Nanso obi a onni Honhom no rentumi nnya akyɛde a efi Onyankopɔn Honhom no mu. Ɔrente wɔn ase da; ɔfa no sɛ nsɛm a aba nni mu, efisɛ, wogyina Honhom no nko so na wobetumi ahu mu a wodi. 15 Onipa a Honhom no te ne mu no tumi sese biribiara nanso obiara rentumi mmu no atɛn. 16 Kyerɛwsɛm no ka se, “Hena na onim Awurade adwene? Hena na obetumi atu no fo?” Nanso, yɛn de, yɛwɔ Kristo adwene no bi.