Add parallel Print Page Options

Honhom mu agyapade a ɛwɔ nkuku mu

Onyankopɔn nam n’adom so de saa asɛm yi abrɛ yɛn na ɛno nti, ɛmma yɛn koma ntu. Yɛagyae kokoamusɛm ne aniwudeyɛ nyinaa. Yɛnnaadaa na yentwa Onyankopɔn asɛm no ho nkontompo. Yɛnnaadaa obi mma onnye nea Kyerɛwsɛm no nkae nni. Yegyae saa aniwudesɛm no nyinaa. Yegyina Onyankopɔn anim kasa enti yɛka nokware ma wɔn a wonim yɛn no nyinaa gye di.

Sɛ Asɛmpa a yɛka no yɛ ahintasɛm a, ɛyɛ ahintasɛm ma wɔn a wɔreyera. Wonnye nni, efisɛ, ɔbonsam asɛe wɔn adwene. Ɔtwe wɔn fi hann a ɛtow gu wɔn so no ho; hann a efi Asɛmpa no mu a ɛfa Kristo a ɔte sɛ Onyankopɔn anuonyam no ho no. Ɛnyɛ yɛn ankasa ho na yɛka asɛm no fa. Yɛka Yesu Kristo ho asɛm sɛ ɔno ne Awurade no na yɛn nso Yesu nti, yɛyɛ mo asomfo. Onyankopɔn a ɔkae se, “Esum mu na hann fi ba” no, yɛ Onyankopɔn koro no ara a ɔma ne hann hyerɛn wɔ yɛn koma mu na ama yɛanya Onyankopɔn anuonyam ho nimdeɛ a ɛhran wɔ Kristo anim no.

Nanso yɛn a yɛwɔ saa honhom mu agyapade yi te sɛ nkuku na ɛnam so da no adi sɛ tumi kɛse no fi Onyankopɔn na emfi yɛn. Wɔtaa haw yɛn nanso wɔnyam yɛn; ɛtɔ da bi a, yɛn adwene nsi yɛn pi nanso yɛmpa abaw; atamfo dɔɔso nanso yɛwɔ adamfo, na ɛtɔ da bi a, wopira yɛn, nanso ɛnsɛe yɛn. 10 Mmere nyinaa yɛn nnipa dua no soa Yesu wu a owui no sɛnea ɛbɛyɛ a n’abrabɔ bɛda adi wɔ yɛn mu.

11 Yɛn asetena mu nyinaa, Yesu nti, yɛte hɔ ma owu sɛnea ɛbɛyɛ a n’abrabɔ bɛda adi wɔ yɛn nipadua a ewu no mu. 12 Eyi kyerɛ sɛ owu di ne dwuma wɔ yɛn mu ɛnna nkwa nso di ne dwuma wɔ mo mu.

13 Kyerɛwsɛm no ka se, “Mekasae, efisɛ, na migye di.” Saa honhom mu gyidi no ara so na ɛma yɛn nso yɛkasa, efisɛ,yegye di. 14 Yenim sɛ Onyankopɔn a ɔmaa Awurade Yesu sɔre fii awufo mu no bɛma yɛne Yesu asɔre na ɔde yɛn abɛka mo ho wɔ n’anim. 15 Mo nti na eyinom bɛba mu; na sɛnea Onyankopɔn adom no redu nnipa bebree nkyɛn no, saa ara nso na wɔbɛbɔ mpae ada Onyankopɔn ase de ahyɛ no anuonyam.

16 Esiane eyi nti, yɛn bo ntu. Ɛwom sɛ yɛn nipadua no reporɔw nkakrankakra de, nanso yɛn honhom no de, ɛsesa yɛ foforo da biara da. 17 Na saa ɔhaw kakra a yɛfa mu no de anuonyam a enni awiei a ɛboro saa ɔhaw no so no bɛbrɛ yɛn. 18 Yɛmfa yɛn adwene nkɔ nneɛma a yehu so na mmom nneɛma a yenhu so na yɛde yɛn adwene kɔ. Nea wotumi hu no ntena hɔ nkyɛ nanso nea yentumi nhu no tena hɔ daa.

Present Weakness and Resurrection Life

Therefore, since through God’s mercy(A) we have this ministry, we do not lose heart.(B) Rather, we have renounced secret and shameful ways;(C) we do not use deception, nor do we distort the word of God.(D) On the contrary, by setting forth the truth plainly we commend ourselves to everyone’s conscience(E) in the sight of God. And even if our gospel(F) is veiled,(G) it is veiled to those who are perishing.(H) The god(I) of this age(J) has blinded(K) the minds of unbelievers, so that they cannot see the light of the gospel that displays the glory of Christ,(L) who is the image of God.(M) For what we preach is not ourselves,(N) but Jesus Christ as Lord,(O) and ourselves as your servants(P) for Jesus’ sake. For God, who said, “Let light shine out of darkness,”[a](Q) made his light shine in our hearts(R) to give us the light of the knowledge of God’s glory displayed in the face of Christ.(S)

But we have this treasure in jars of clay(T) to show that this all-surpassing power is from God(U) and not from us. We are hard pressed on every side,(V) but not crushed; perplexed,(W) but not in despair; persecuted,(X) but not abandoned;(Y) struck down, but not destroyed.(Z) 10 We always carry around in our body the death of Jesus,(AA) so that the life of Jesus may also be revealed in our body.(AB) 11 For we who are alive are always being given over to death for Jesus’ sake,(AC) so that his life may also be revealed in our mortal body. 12 So then, death is at work in us, but life is at work in you.(AD)

13 It is written: “I believed; therefore I have spoken.”[b](AE) Since we have that same spirit of[c] faith,(AF) we also believe and therefore speak, 14 because we know that the one who raised the Lord Jesus from the dead(AG) will also raise us with Jesus(AH) and present us with you to himself.(AI) 15 All this is for your benefit, so that the grace that is reaching more and more people may cause thanksgiving(AJ) to overflow to the glory of God.

16 Therefore we do not lose heart.(AK) Though outwardly we are wasting away, yet inwardly(AL) we are being renewed(AM) day by day. 17 For our light and momentary troubles are achieving for us an eternal glory that far outweighs them all.(AN) 18 So we fix our eyes not on what is seen, but on what is unseen,(AO) since what is seen is temporary, but what is unseen is eternal.

Footnotes

  1. 2 Corinthians 4:6 Gen. 1:3
  2. 2 Corinthians 4:13 Psalm 116:10 (see Septuagint)
  3. 2 Corinthians 4:13 Or Spirit-given