Add parallel Print Page Options

Festo di Paulo asɛm

25 Festo besii Felike ananmu sɛ amrado wɔ Kaesarea no, ne nnansa so ɔkɔɔ Yerusalem. Asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin no de nsɛm a wɔwɔ tia Paulo no bɛtoo n’anim. Esiane sɛ na wɔabɔ Paulo ho pɔw sɛ wɔbɛtɛw no kwan so akum no nti, wɔsrɛɛ no sɛ wɔmma wɔmfa no mmra Yerusalem. Nanso Festo buaa wɔn se, esiane sɛ Paulo da afiase wɔ Kaesarea na ɛrenkyɛ biara ɔno ankasa bɛkɔ hɔ nti, wɔn a wodi asɛm no anim no ne no nkɔ nkodi asɛm no wɔ hɔ.

Festo dii bɛyɛ nnawɔtwe anaa dadu ansa na ɔresan aba Kaesarea. Obedui adekyee no, ɔtenaa agua mu dii Paulo asɛm.

Bere a Paulo beduu asennii hɔ no, Yudafo a wofi Yerusalem no twaa ne ho hyiae fii ase kekaa nsɛm a ɛnyɛ nokware too no so. Paulo yii ne ho ano se, “Minni biribiara ho fɔ, efisɛ, menkasa ntiaa Yudafo mmara; minguu asɔredan ho fi, ɛnna menkasa ntiaa Roma aban nso.”

Esiane sɛ na Festo pɛ sɛ ɔsɔ Yudafo no ani nti, obisaa Paulo se, “Wopɛ sɛ mede wo kɔ Yerusalem kodi w’asɛm wɔ hɔ anaa?”

10 Paulo buae se, “Esiane sɛ ɔhempɔn Kaesare asennii na migyina nti, ɛha ara na ɛsɛ sɛ wodi m’asɛm, bu me atɛn, efisɛ menyɛɛ Yudafo bɔne biara sɛnea wo ara wunim no. 11 Sɛ mabu mmara so anaa mayɛ biribiara a ɛno nti ɛsɛ sɛ wobu me kumfɔ a, minsuro. Nanso sɛ nsɛm a saa Yudafo yi ka tia me no nyɛ nokware a, obiara rentumi mfa me mma wɔn. Miguan metoa ɔhempɔn Kaesare.”

12 Festo ne ne mpanyimfo tuu agyina wiei no, ɔka kyerɛɛ Paulo se, “Esiane sɛ woaguan atoa ɔhempɔn Kaesare no nti, yɛde wo bɛkɔ n’anim.”

Paulo ho nkɔmmɔdi

13 Nna bi akyi no, ɔhene Agripa ne Berenike baa Kaesarea bɛmaa Festo akwaaba. 14 Wɔwɔ hɔ no, Festo ne ɔhene Agripa dii Paulo asɛm no ho nkɔmmɔ. Festo ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ɔbarima bi wɔ ha a Felike gyaw no odeduani; 15 na mekɔɔ Yerusalem no, Yudafo asɔfo mpanyin ne mpanyin kaa nsɛm bi tiaa no se minnyina so mmu no kumfɔ. 16 Nanso meka mekyerɛɛ wɔn se, Roma mmara mma ho kwan sɛ wobu obi fɔ bere a wonnii n’asɛm; wɔmma no ho kwan na onyi ne ho ano wɔ asɛm a wɔka tia no no ho.

17 “Wɔbae no mansɛe bere koraa na ade kyee no, mehyɛɛ sɛ wɔmfa no mmra na minni n’asɛm. 18 Nanso wɔanka nsɛm a misusuwii no mu biara anto no so. 19 Nsɛm a wɔkae no fa wɔn nyamesom ne ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu a owui nanso Paulo ka se ɔte ase no ho. 20 Esiane sɛ na asɛm no kyere m’adwene no nti, mibisaa Paulo se ɔpɛ sɛ mikodi n’asɛm wɔ Yerusalem anaa? 21 Nanso Paulo guan toaa ɔhempɔn Kaesare. Enti mesan ma wɔde no kɔtoo afiase kosi bere a metumi de no akɔ ɔhempɔn Kaesare anim.”

22 Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Festo se, “Mepɛ sɛ m’ankasa mitie n’ano asɛm.” Festo ka kyerɛɛ no se, “Ɔkyena mede no bɛba na woatie n’ano asɛm.”

Paulo gyina Ɔhene Agripa anim

23 Ade kyee no, Ɔhene Agripa ne Berenike de ahyehyɛ ne ahokeka de asraafo mpanyimfo ne kurow no mu mpanyin kaa ne ho kɔɔ asennii hɔ. Festo hyɛ ma wɔde Paulo baa asennii hɔ.

24 Festo kae se, “Ɔhene Agripa ne mo a moahyia ha nyinaa, saa ɔbarima yi na Yudafo a wɔwɔ ha ne Yerusalem no aka nsɛm atia no, de no abrɛ me sɛ mimmu no kumfɔ no, 25 nanso mannya asɛm biara annyina so a mede bebu no kumfɔ. Esiane sɛ ɔno ankasa guan toaa ɔhempɔn Kaesare no nti, mayɛ m’adwene sɛ mede no bɛkɔ n’anim. 26 Esiane sɛ minni asɛm pɔtee bi a mɛkyerɛw akɔma ɔhempɔn Kaesare nti, na mede no aba wo ɔhene Agripa anim sɛ, sɛ wuwie wo nhwehwɛmu a, manya biribi agyina so makyerɛw ne ho asɛm. 27 Minnye nni sɛ ntease wom sɛ mede odeduani bɛkɔ n’anim a menkyerɛw biribi pɔtee bi a etia no!”