Nnwom 5
Nkwa Asem
Ogye mpaebɔ
5 O Awurade, tie me mpaebɔ ne m’ahomegu. 2 Me Nyankopɔn ne me Hene, tie me sufrɛ na boa me. 3 O, Awurade, wote me nne anɔpa. Owia pue a, mebɔ mpae na metwɛn wo mmuae.
4 Wonyɛ Onyankopɔn a adebɔne sɔ w’ani, na womma bɔne ho kwan wɔ w’anim. 5 Wokyi ahantanfo na wukyi nnebɔneyɛfo nso. 6 Wosɛe atorofo na wubu basabasayɛfo ne asisifo animtia.
7 Nanso esiane wo dɔ bebrebe nti, mitumi ba wo fi. Mitumi som wo wɔ w’asɔredan kronkron no mu, na mekotow wo wɔ nidi mu.
8 Awurade, mewɔ atamfo bebree. Kyerɛ me kwan na menyɛ w’apɛde; kyerɛ me. Kyerɛ me kwan na memfa so. 9 Nea m’atamfo ka no nnim. Ɔpɛ ara na wɔpɛ sɛ wɔsɛe me. Nnaadaa ne adɛfɛdɛfɛ wɔ wɔn nsɛm mu, nanso ne nyinaa yɛ awudisɛm. 10 O Onyankopɔn, bu wɔn fɔ, na twe wɔn aso. Na ma wɔn adwemmɔne mfa wɔn nkɔ ɔsɛe mu. Esiane wɔn bɔne dodow ne tia a wɔsɔre tia wo no nti, pam wɔn fi w’anim.
11 Nanso wɔn a wonya wo nkyɛn guankɔbea no ani gye; na daa wobetumi ato dwom anigye so. Bɔ wɔn a wɔdɔ wo no ho ban. Esiane wo nti, wɔwɔ anigye. 12 Awurade, wuhyira wɔn a wotie w’asɛm. Wo dɔ bɔ wɔn ho ban sɛ kyɛm.
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.