Add parallel Print Page Options

Babilon asehwe

18 Eyi akyi, mihuu ɔbɔfo foforo sɛ ofi soro reba fam. Na ɔwɔ tumi kɛse na n’anuonyam hyerɛn asase so nyinaa.

Ɔteɛɛm denneenen se, “Wahwe ase! Babilon kɛse ahwe ase! Ahohommɔne ne honhom a wɔn ho ntew rehunahuna no. Nnomaa fi a wɔmpɛ wɔn asɛm nyinaa te ne mu. Ɔde ne nsa a ɛyɛ n’aguamammɔ nsa a ano yɛ den no maa nnipa nyinaa nomee. Asase so ahene ne no bɔɔ aguaman, na asase so adwumayɛfo nam n’ahonya so nyaa wɔn ho.”

Afei metee nne foforo bi a efi soro ka se, “Mumfi, me nkurɔfo! Mumfi ne mu mfi! Mommfa mo ho mmfra ne bɔne a ɔyɛ no mu; mo ne no nnkyɛ n’asotwe! Efisɛ, wɔahyehyɛ ne bɔne sɛ soro tenten, na Onyankopɔn kae n’akwammɔne no. Sɛnea ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ; nea ɔyɛɛ mo biara no,muntua no so ka mprenu. Nsa a ɔde maa mo no, monhyɛ no bi a ano yɛ den mmɔho abien. Momma onhu amane na ne werɛ nhow sɛ anuonyam ne n’ahonya a ɔpɛ maa ne ho no. Efisɛ, daa ɔka se, ‘Mete ha sɛ ɔhemmea. Menyɛ okunafo, me werɛ renhow da!’ Esiane eyi nti, n’amanehunu bɛba ne so da bi, ɔyare, awerɛhow ne ɔkɔm. Na wɔde ogya ahyew no; efisɛ, Awurade Nyankopɔn a obu no atɛn no so.”

Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ aguaman, dii dɛ no, hu ɔhyew a wɔrehyew no no wusiw a, wobesu, atwa agyaadwo. 10 N’amanehunu no hu a ɛyɛ nti, wobegyina akyiri asu se, “Due! Due, O kurow kɛse, O Babilon, kurow a ɛwɔ tumi. Efisɛ, dɔnhwerew baako pɛ mu, w’atemmu aba.”

11 Adwumayɛfo a wɔwɔ asase so nso su no efisɛ, obiara ntɔ wɔn nneɛma bio. 12 Obiara ntɔ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, ne aboɔden abo ne nhene pa, ne nwera pa ne ntama afasebiri ne sirikyi ne tam kɔkɔɔ, ne nnua a ɛyɛ huam nyinaa ne asommɛn adwini nyinaa, ne adwinne a wɔde nnua a ɛwɔ din ayɛ, ne ayowa ne dade ne abohemmaa, 13 ne pɛprɛ ne mmurongo, ne nnuhuam ne kurobow, ne huamfufu ne nsa ne ngo, ne asikiresiam muhumuhu ne awi, ne nyɛmmoa ne nguan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nnipadua ne nnipa akra bio.

14 Adwumayɛfo no ka kyerɛɛ no se, “Nneɛma pa a wopere hwehwɛe no nyinaa ayera; na w’ahonya ne w’anuonyam no kɔ; na wo nsa renka bio.”

15 Adwumayɛfo a wonyaa wɔn ho wɔ kurow no mu no begyina akyirikyiri efisɛ, wosuro amanehunu a ɔrehu no. Wobesu na wɔatwa agyaadwo, 16 na wɔaka se, “Due! Due, O kurow kɛse a ofura nwera pa ne ntama afasebiri ne tam kɔkɔɔ na sika ne aboɔden abo ne nhene pa bobɔ mu. 17 Dɔnhwerew pɛ, na saa ahonya dodow yi asa.”

Nsum ahyɛnkafo, ne hyɛn no mu nnipa, ne hyɛn no mu adwumayɛfo, ne wɔn a wɔka ho a wonya wɔn anoduan fi hyɛn adwumayɛ mu no nyinaa gyinaa akyirikyiri 18 sui wɔ bere a wohuu ogya a ɛrehyew no no wusiw no. “Kurow biara a ne kɛse te saa mmae bio.” 19 Wɔtow mfutuma guu wɔn atifi na wosu twaa agyaadwo se, “Due! Due O kurow kɛse, wo a wɔn a wɔwɔ ahyɛn wɔ wo mu no nam n’ahonya so yɛɛ adefo. Na dɔnhwerew baako pɛ mu, wɔahwere biribiara!”

20 Ma w’ani nnye wɔ ne ho, O ɔsoro! Mogya adansefo ne asomafo ne adiyifo, mo ani nnye! Ɔkwan a ɔde mo faa so nti, Onyankopɔn abu no atɛn.

21 Afei ɔbɔfo hoɔdenfo bi faa ɔbo a ne kɛse bɛyɛ sɛ owiyammo tow kyenee po mu kae se, “Saa ahoɔden yi ara na wɔde bɛtow Babilon kɛse no akyene fam a wɔrenhu no bio. 22 Wɔrente sankubɔfo ne nwontofo, atɛntɛbɛnbɔfo ne torobɛntohyɛnfo nka bio wɔ mo mu. Wɔrenhu odwimfo biara wɔ mo mu bio. Na wɔrente owiyamfo biara nka wɔ mo mu bio. 23 Kanea hann renhyerɛn wɔ mo mu bio. Wɔrente ayeforokunu ne ayeforoyere nne wɔ mo mu bio. W’adwumayɛfo yɛ wiase mu nnipa titiriw. Na wɔde wo ntafowayi adaadaa aman nyinaa. 24 Wɔtwee Babilon aso efisɛ, ne mu na wohuu adiyifo ne mogya adansefo ne wɔn a wokum wɔn asase so nyinaa mogya.”