Add parallel Print Page Options

Ɔbea no ne ɔtweaseɛ no

12 Afei nsɛnkyerɛnne kɛse bi daa ne ho adi wɔ soro. Ɔbea bi, na n’atade yɛ owia a ɔsram wɔ ne nan ase, na nsoromma dumien ahenkyɛw hyɛ no. Na ɔyem a ɔrebɛwo, na awoyaw nti, na ɔresu.

Nsɛnkyerɛnne kɛse foforo bi daa ne ho adi wɔ soro. Ɔwɔ kɔkɔɔ kakraka bi, na ne ti yɛ ason na ɔwɔ mmɛn du a ahenkyɛw hyehyɛ biara so. Ɔde ne dua twee nsoromma a ɛwɔ soro no mu nkyɛm abiɛsa mu baako tow wɔn guu fam. Ogyinaa ɔbea a ɔrewo no anim sɛnea ɛbɛyɛ a ɔwo ɔba no to hɔ ara pɛ, ɔbɛfa abofra no awe. Afei ɔbea no woo abarimaa a, ɔde nsa a ɛyɛ den bedi aman nyinaa so. Nanso wohwim abofra no kɔɔ Onyankopɔn ne n’ahengua ho. Ɔbea no guan kɔɔ sare so baabi a Onyankopɔn asiesie ama no a wɔbɛhwɛ no yiye wɔ nnafua apem ahanu ne aduosia mu.

Afei ɔko sii soro hɔ. Mikael ne n’abɔfo ko tiaa ɔwɔ no, ɛnna ɔno nso ne n’abɔfo ko tiae. Nanso wodii ɔwɔ no so na wɔamma ɔne n’abɔfo antena soro bio. Wɔtow ɔwɔ kakraka no kyeneee. Ɔno ne ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam a, ɔdaadaa wiase nyinaa no. Wɔtow no guu fam a n’abɔfo nyinaa ka ne ho.

10 Afei metee nne dennen bi wɔ soro a ɛka se, “Afei na Onyankopɔn nkwagye aba! Afei na Onyankopɔn akyerɛ ne tumi sɛ ɔyɛ Ɔhene! Afei na Mesia akyerɛ ne tumi, efisɛ, yɛn nuanom no ahohorabɔni a ogyinaa Onyankopɔn anim bɔɔ wɔn ahohora awia ne anodwo no, na wɔapam no afi soro no. 11 Yɛn nuanom no nam Oguammaa no mogya so ne nokware a ɔdaa no adi so dii ne so nkonim. Na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔde wɔn nkwa bɛto hɔ na wɔawuwu. 12 Enti mo ɔsoro ne mo a motete hɔ no, momma mo ani nnye. Afei asase ne ɛpo nnue! Efisɛ, ɔbonsam no atoa mo na ne bo afuw efisɛ, onim sɛ, ne bere a aka sua.”

13 Bere a ɔwɔ no hui sɛ wɔatow no agu asase so no, ɔtaa ɔbea a wawo abarimaa no. 14 Wɔmaa no akɔre ntaban akɛse abien sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi atu akɔ baabi a ɔwɔ wɔ sare so hɔ a wɔbɛhwɛ no mfe abiɛsa ne fa sɛnea ɔwɔ no renni n’akyi bio.

15 Afei ɔwɔ no puw nsu te sɛ asubɔnten dii ɔbea no akyi sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛfa no. 16 Nanso asase boaa ɔbea no. Ebuee n’anom nom nsu a ɔwɔ no puw guu hɔ no nyinaa. 17 Ɔwɔ no bo fuw ɔbea no, enti ɔkɔe de ntɔkwaw kɔkaa ɔbea no asefo a wɔaka no a ɛyɛ wɔn a wodi Onyankopɔn mmara so na wogye nokware a Yesu ada no adi no di no. Na ɔkogyinaa mpoano hɔ.