Add parallel Print Page Options

Saa nhoma yi fa adiyisɛm a Onyankopɔn de maa Yesu Kristo ma ɔdaa no adi kyerɛɛ nea ɛrebɛba kyerɛɛ Onyankopɔn asomfo no ho. Kristo somaa n’abɔfo kɔɔ Yohane nkyɛn kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ ne somfo, na Yohane aka biribiara a ohui nyinaa. Eyi ne n’adansedi ne asɛm a efi Onyankopɔn nkyɛn ne nokware a Yesu Kristo daa no adi no.

Nhyira nka obiara a ɔbɛkan saa nhoma yi, na nhyira nka wɔn nso a wotie adiyisɛm no na wodi so sɛnea wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no. Bere no abɛn sɛ eyinom nyinaa ba.

Nkyia

Yohane nkyia a okyia asafo horow ason a ɛwɔ Asia no ni. Adom ne asomdwoe mfi nea ɔwɔ hɔ, na ɔtenaa hɔ, na ɔreba no ne ahonhom ason a ɛwɔ n’ahengua anim, ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo ne awufo mu abakan ne asase so ahene so difo no nkyɛn nka mo. Ɔdɔ yɛn, na ɔnam ne wu no so agye yɛn afi yɛn bɔne mu. Wayɛ yɛn asɔfodɔm a yɛsom ne Nyankopɔn ne n’agya. Wɔmfa anuonyam ne tumi mma Kristo daa daa! Amen.

Ɔnam omununkum mu reba. Wɔn a wɔwɔɔ no peaw no ne obiara behu no. Asase so nnipa nyinaa besu no. Ɛbɛba mu saa. Amen.

Awurade Nyankopɔn Tumfoɔ no se, “Mene Alfa ne Omega a ɔwɔ hɔ mprempren na ɔwɔ hɔ dedaw na ɔrebɛba no.”

Mene mo nua Yohane, na me ne Yesu bom ne no hu amane wɔ náhenni ne ne boasetɔ mu. Esiane sɛ meka Onyankopɔn asɛm da nokware a Yesu daa no adi no nti, wotwaa me asu de me kɔɔ supɔw Patmo so. 10 Awurade da no, Honhom no faa me na metee nne dennen bi a ɛte sɛ torobɛnto a ɛrebɔ wɔ m’akyi. 11 Ɛkae se, “Kyerɛw biribiara a wuhu, na fa nhoma no kɔma saa asafo ahorow ason a ɛwɔ Efeso ne Smirna ne Pergamo ne Tiatira ne Sardi ne Filadelfia ne Laodikea no.”

12 Medan m’ani pɛe sɛ mihu nea ɔrekasa kyerɛ me no. Ɛhɔ na mihuu sikakɔkɔɔ nkaneadua ason. 13 Emu na na onipa bi a ɔte sɛ ɔbarima a ɔhyɛ batakari yuu a esi ne nan ase a sika abɔso kyekye ne koko gyinae. 14 Na ne tinhwi yɛ fitaa te sɛ asawafuturu anaasɛ sukyerɛmma, na n’ani dɛw sɛ ogya. 15 Ne nan ase hyerɛnee sɛ ayowa a wɔanan wɔ fononoo mu na afei wɔatwiw ho na ne nne woro so te sɛ nsuworo a ano yɛ den. 16 Na okita nsoromma ason wɔ ne nsa nifa mu na sekan anofanu a ɛyɛ nnam fi n’anom bae. Na n’anim hyerɛn te sɛ owigyinae awia.

17 Mihuu no no, mekɔhwee ne nan ase te sɛ owufo. Ɔde ne nsa nifa too me so kae se, “Nsuro! Mene Ɔkannifo ne Okyikafo. 18 Mene ɔteasefo no! Miwui, nanso mete ase daapem nyinaa. Mewɔ tumi wɔ owu ne asaman so. 19 Enti afei kyerɛw nneɛma a wuhu; nea wuhu no mprempren ne nea ɛbɛba akyiri yi no, kyerɛw. 20 Nsoromma ason a wuhu wɔ me nsa nifa mu ne sika akaneadua no nkyerɛase a ɛyɛ ahintasɛm no ni: Nsoromma ason no yɛ asafo ason no abɔfo, ɛnna akaneadua ason no nso yɛ asafo ason no.”