Add parallel Print Page Options

Yesu sa onifuraefo bi yare

Yesu nam no, ohuu aberante bi a wɔwoo no onifuraefo. N’asuafo no bisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, saa onifuraefo yi awofo bɔne a wɔyɛe anaa ɔno ankasa bɔne nti na ama n’ani afura yi?”

Yesu buae se, “Ɛnyɛ n’awofo anaa n’ankasa bɔne nti na n’ani afura. Na mmom n’ani afura sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn tumi bɛyɛ ne ho adwuma. Esiane sɛ adesae nkyɛ ba no nti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea ɔsomaa me no adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no ntɛmntɛm. Sɛ ade sa a, obiara ntumi nyɛ adwuma. Bere a mewɔ wiase yi de, mene wiase hann no.”

Ɔkaa saa no, ɔtew ntasu guu fam de fɔtɔw dɔte na ɔde dɔte no sraa onifuraefo no ani so. Na ɔka kyerɛɛ no se, “Kɔ ɔtare Siloa, a ne nkyerɛase ne ‘Nea Wɔasoma No’, no mu kɔhohoro w’anim.” Onifuraefo yi kɔe kɔhohoroo n’anim san bae a afei de ohu ade.

Onifuraefo no afipamfo a wohuu no sɛ ɔte kwan ho srɛsrɛ ade no huu no no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛnyɛ aberante a na ɔsrɛsrɛ ade no ni?”

Ebinom kae se, “Ɛyɛ ɔno,” na afoforo nso kae se, “Dabi, ɛnyɛ ɔno, na mmom, ɔsɛ na ɔsɛ no.” Aberante yi kae se, “Ɛyɛ me.”

10 Nnipa no bisaa no se, “Eyɛɛ dɛn na afei wuhu ade yi?”

11 Obuaa wɔn se, “Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu no fɔtɔw dɔte na ɔde sraa m’ani so na ɔka kyerɛɛ me se, ‘Kɔ ɔtare Siloa mu na kɔhohoro w’anim’. Enti mekɔe. Mehohoroo m’anim wiei pɛ na mihuu ade.”

12 Wɔsan bisaa no bio se, “Saa Yesu no wɔ he?” Obuaa wɔn se, “Minnim.”

Farisifo nsɛmmisa wɔ ayaresa no ho

13 Wɔde aberante a na n’ani afura no brɛɛ Farisifo no. 14 Da a Yesu saa onifuraefo no yare no, na ɛyɛ homeda. 15 Farisifo no nso bisaa aberante no sɛnea ɛyɛe a afei de ohu ade. Abrante no ka kyerɛɛ wɔn sɛnea Yesu de dɔte a wɔafɔtɔw sraa n’ani so na ɔkɔhonhoroe na ohuu ade no.

16 Farisifo no mu bi kae se, “Onipa a ɔyɛɛ saa ade yi mfi Onyankopɔn hɔ, efisɛ, onni homeda mmara no so.” Afoforo nso kae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na ɔdebɔneyɛfo a ɔte sɛɛ betumi ayɛ saa anwonwadwuma yi?” Saa akyinnye yi maa mpaepaemu baa wɔn mu.

17 Afei Farisifo yi san bisaa aberante no se, “Wo na wuse ɔma wuhuu ade, dɛn asɛm na woka fa ne ho?” Aberante yi buae se, “Migye di sɛ ɔyɛ odiyifo a ofi Onyankopɔn nkyɛn.”

18 Yudafo no annye anni ara da sɛ, na saa aberante no yɛ onifuraefo a afei de ohu ade, kosi sɛ wɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ n’awofo bae 19 ma wobisaa wɔn se, “Mo ba ni anaa? Mokyerɛ sɛ mowoo no no, na ɔyɛ onifuraefo anaa? Ɛyɛɛ dɛn na afei de ohu ade yi?”

20 N’awofo no buae se, “Yegye tom sɛ ɔyɛ yɛn ba, na yɛwoo no no nso, na ɔyɛ onifuraefo. 21 Nanso yennim nea enti a afei de ohu ade yi. Saa ara nso na yennim onipa ko a ɔma ohuu ade no. Ɔno ara ni, n’ani nso afi a obetumi akasa ama ne ho enti mummisa no.”

22 Nea ɛmaa n’awofo no kaa saa ne sɛ, na wosuro Yudafo mpanyimfo no a wɔaka se, obiara a ɔbɛka se Yesu ne Agyenkwa no no, wɔbɛpam no afi asɔredan no mu hɔ no. 23 Eyi nti na n’awofo no kae se, “N’ani afi a obetumi akasa ama ne ho enti mummisa no” no.

24 Wɔsan frɛɛ aberante a na ɔyɛ onifuraefo no ka kyerɛɛ no se, “Hyɛ bɔ wɔ Onyankopɔn din mu se, asɛm a yɛrebebisa wo yi wobedi nokware. Yenim sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔdebɔneyɛfo.”

25 Aberante no buaa wɔn se, “Me de, sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo o, sɛ nso ɔyɛ onipa pa o, ɛno de, minnim. Nea minim ara ne sɛ, kan no na meyɛ anifuraefo na afei de, mihu ade.”

26 Wobisaa no bio se, “Dɛn na ɔyɛɛ wo ma wuhuu ade?”

27 Aberante no de abufuw buaa wɔn se, “Maka nokware no akyerɛ mo nanso moantie. Dɛn bio na mopɛ sɛ meka kyerɛ mo? Anaasɛ mo nso mopɛ sɛ mobɛyɛ n’asuafo?”

28 Mpanyimfo no yeyaw no san kae se, “Wo mmom na woyɛ saa akoa no suani; na yɛn de, yɛyɛ Mose asuafo. 29 Yenim pefee sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose nanso saa Yesu yi de, faako a ofi mpo, yennim!”

30 Aberante yi ka kyerɛɛ mpanyimfo no se, “Ɛyɛ me nwonwa yiye sɛ obi a otumi ma onifuraefo hu ade no, mutumi ka se munnim faako a ofi. 31 Yenim sɛ Onyankopɔn ntie nnebɔneyɛfo asɛm; na mmom otie nnipa a wodi no ni na wɔyɛ n’apɛde no. 32 Efi adebɔ mfiase yɛntee da sɛ obi ama onifuraefo ahu ade da; 33 sɛ ɔbarima yi mfi Onyankopɔn hɔ a, anka ɔrentumi nyɛ anwonwade a ɛte sɛɛ.”

34 Mpanyimfo no nso de abufuw buaa no se, “Ɔdebɔneyɛfo te sɛ wo na wopɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yɛn?” Wosunsum no fii asɔredan no mu hɔ.

Honhom mu anifurae

35 Bere a Yesu tee sɛ wosunsum aberante no fii asɔredan no mu hɔ no no, ɔhwehwɛɛ no bisaa no se, “Wugye Onipa Ba no di anaa?” 36 Aberante no buaa no se, “Me wura, kyerɛ me saa Onipa Ba no sɛnea ɛbɛyɛ a megye no adi!”

37 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Woahu no dedaw; ɔno na ɔne wo rekasa yi.”

38 Aberante no de anigye kae se, “Awurade, migye midi.” Afei ɔkotow Yesu.

39 Yesu kae se, “Mebaa wiase ha sɛ merebebu atɛn na mama wɔn a wɔyɛ honhom mu anifuraefo no ahu ade, na makyerɛ wɔn a wogye di sɛ wohu ade no sɛ, wɔyɛ anifuraefo.”

40 Farisifo a na wogyinagyina hɔ no bisaa no se, “Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ yɛyɛ anifuraefo anaa?”

41 Yesu bua wɔn se, “Sɛ mugye tom sɛ moyɛ anifuraefo a, ɛnne anka munni nea maka no ho fɔ. Esiane sɛ mugye tom sɛ nea moreyɛ no munim nti, na mudi ho fɔ no.”