Add parallel Print Page Options

Ɔbea a ɔwɔ kununom baanum

Farisifo no tee sɛ nnipa pii rekɔ Yesu nkyɛn ama wabɔ wɔn asu sen sɛnea nnipa kɔ Yohane nkyɛn. Nso na Yesu ankasa de, ɔmmɔ asu na mmom, n’asuafo no na wɔbɔ asu. Yesu tee saa asɛm yi no, ofii Yudea san kɔɔ Galilea.

Ɔrekɔ no, na ɛsɛ sɛ ɔfa Samaria.

Ɛbɛyɛ owigyinae no, na Yesu abɛn kurow bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asase bi a Yakob de maa ne ba Yosef no ho. Ɛhɔ na na Yakob abura wɔ. Esiane ɔbrɛ a na Yesu abrɛ nti, ɔtenaa abura no ho sɛ ɔregye n’ahome. Na saa bere no bɛyɛ awia dumien.

Ankyɛ, Samariani bea bi baa hɔ bɛtow nsu maa Yesu srɛɛ no sɛ ɔmma no nsu no bi nnom. Saa bere no, na Yesu asuafo no kɔ kurow no mu akɔtɔ aduan. Samariani bea no ka kyerɛɛ Yesu se, “Ɛyɛ me nwonwa sɛ wo a woyɛ Yudani rebisa nsu afi me a meyɛ Samariani nkyɛn.” Na Yudafo ne Samariafo nni hwee yɛ.

10 Yesu buaa no se, “Sɛ wunim akyɛde a Onyankopɔn de ma onipa ne onipa ko a ɔresrɛ wo nsu yi a, anka wobɛsrɛ no na wama wo nkwa nsu.”

11 Ɔbea no bisae se, “Owura, wunni hama, nni bokiti, abura yi mu nso dɔ yiye, na ɛhe na wubenya saa nkwa nsu no afi? 12 Woyɛ ɔkɛse sen yɛn agya Yakob a otuu abura yi maa yɛn na ɔne ne mma, ne nguan ne n’anantwi nom mu nsu bi no anaa?”

13 Yesu buaa no se, “Obiara a ɔnom saa nsu yi bi no, osukɔm de no bio, 14 nanso nea ɔbɛnom nsu a mede bɛma no no, osukɔm renne no bio da. Nsu a mede bɛma no no, bɛyɛ sɛ asuti a ɛrenwow da wɔ ne mu na ɛbɛma no nkwa a ɛrensa da.”

15 Ɔbea no srɛɛ no sɛ, “Owura, ma me saa nkwa nsu yi bi na osukɔm anne me bio, na daa mantwa kwan ammɛtow nsu.”

16 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Kɔfrɛ wo kunu na wo ne no mmra.”

17 Ɔbea no buaa no se, “Me wura, minni kunu.” Yesu nso kae se, “Asɛm a woaka no yɛ nokware sɛ wunni kunu no. 18 Woaware mmarima baanum agyae na ɔbarima a wo ne no wɔ hɔ mprempren no mpo, ɔnyɛ wo kunu.”

19 Ɔbea no kae se, “Owura, mihu sɛ woyɛ odiyifo. 20 Yɛn agyanom Samariafo som Onyankopɔn wɔ saa bepɔw yi so nanso mo Yudafo de, moka se Yerusalem nko ara na ɛsɛ sɛ yɛsom Nyankopɔn.”

21 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Merema woate ase sɛ bere bi bɛba a nnipa rensom Agya no wɔ saa bepɔw yi so anaa Yerusalem.” 22 Mo Samariafo nnim nea mosom no. Nanso yɛn Yudafo de, yenim nea yɛsom no, efisɛ, Yudafo so na nkwagye nam ba. 23 Nna bi reba, na mpo aba dedaw sɛ, nnipa nam Onyankopɔn honhom tumi no so bɛsom Agya no nokwarem Eyinom ne asomfo a Agya no pɛ sɛ wɔsom no. 24 Onyankopɔn yɛ Honhom, na wɔn a wɔsom no no, ɛsɛ sɛ wɔde Onyankopɔn Honhom ne nokware som no. 25 Ɔbea no ka kyerɛɛ no se, “Minim sɛ Mesaia no a wɔfrɛ no Kristo no bɛba, na sɛ ɔba a, ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn biribiara mu.”

26 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Me a mene wo rekasa yi, mene Kristo no.”

27 Yesu ano sii pɛ na n’asuafo no san bae. Ɛyɛɛ asuafo no nwonwa sɛ wɔbɛtoo Yesu sɛ ɔne ɔbea bi redi nkɔmmɔ. Nanso wɔn mu biara ammisa ɔbea no nea ɔrehwehwɛ ne Yesu nso nea enti a ɔne saa ɔbea no redi nkɔmmɔ no.

28 Afei ɔbea yi gyaw n’asuhina no hɔ san kɔɔ kurow no mu kɔka kyerɛɛ kurom hɔfo se, 29 “Mommra mmɛhwɛ ɔbarima bi a waka kokoam nneɛma a mayɛ akyerɛ me! Anaa, ɔno ne Agyenkwa no?” 30 Nnipa a wɔtee asɛm yi nyinaa bɔɔ twi kɔhwɛɛ Yesu.

31 Afei asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, didi.” 32 Yesu buaa wɔn se, “Mewɔ aduan a medi nanso munnim.”

33 Ɛmaa asuafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Obi abrɛ no aduan bi anaa?”

34 Yesu buae se, “Nea ɛma memee ne sɛ, meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde na miwie dwuma a ɔde maa me sɛ mimmedi no. 35 Moka se, ‘Abosom anan mu otwabere bedu.’ Mummue mo ani nhwɛ mo ho nhyia na mubehu sɛ aburow ahoa a ɛkyerɛ sɛ, otwabere adu! 36 Otwafo nya n’akatua a ɛsɛ no na ɔboaboa nea watwa no ano ma nkwa a ɛnsa da. Eyi ma nea odua ne nea otwa no nyinaa ani gye. 37 Ɛyɛ nokware pefee sɛ, ‘Obi dua na obi twa.’ 38 Mesomaa mo kɔɔ baabi sɛ monkotwa nea ɛnyɛ mo na muduae. Nnipa foforo na woduae na mo de, moanya mfaso afi adwuma a wɔyɛe no mu.”

Samariafo pii gye Yesu di

39 Esiane adanse a Samariani bea no dii wɔ Yesu ho se, “Waka biribiara a mayɛ akyerɛ me” no nti, kurow no mu hɔfo pii gyee Yesu dii sɛ ɔno ne Mesaia no. 40 Enti bere a Samariafo no baa Yesu nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn. Ɔpenee so dii nnanu wɔ wɔn nkyɛn. 41 Nsɛm a Yesu kae no maa nnipa pii gyee no dii sen kan no. 42 Nnipa a wogyee no dii no ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Ɛnyɛ adanse a wubedii no nti na yegye no di, na mmom nsɛm a yɛate sɛ ɔka no nti na yɛagye no adi. Na yenim sɛ ɔno ne wiase Agyenkwa no.”

Galileafo gye Yesu

43 Nnanu akyi no, Yesu fii kurow no mu kɔɔ Galilea. 44 Ɛwom sɛ na Yesu aka se, “Odiyifo biara nni anuonyam wɔ ne man mu” de, nanso 45 esiane nea Galileafo a wɔwɔ Yerusalem Twam Afahyɛ bere no mu no huu nea Yesu yɛe no nti, oduu Galilea no, wogyee no.

Yesu sa abofra bi yare

46 Ɔsan kɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔmaa nsu dan nsa hɔ no bio. Ɔwɔ hɔ no, ɔhene somfo panyin bi a na ne ba yare wɔ Kapernaum no 47 tee Yesu nka sɛ ofi Yudea aba Galilea hɔ. Saa ɔbarima yi kɔɔ Kana kohuu Yesu, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ Kapernaum nkɔsa ne ba a na ɔyare a ɔreyɛ awu no yare mma no.

48 Yesu kae se, “Menyɛ nsɛnkyerɛnne nkyerɛ mo ansa na moagye me adi anaa?”

49 Ɔsomfo panyin no de ahoyeraw ka kyerɛɛ no se, “Owura, mesrɛ wo, ma yɛnkɔ ntɛm, anyɛ saa a, me ba no bewu.”

50 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Kɔ fie, wo ba no ho ayɛ no den!” Ɔsomfo panyin no gyee asɛm a Yesu kae no dii na osiim sɛ ɔrekɔ fie. 51 Ɔnam kwan so no, n’asomfo bi behyiaa no ka kyerɛɛ no se, ne ba no ho ayɛ no den. 52 Ɔbarima no bisaa n’asomfo no se, “Bere bɛn na ne ho yɛɛ no den?” Asomfo no buaa no se, “Nnɛra awia bɛyɛ dɔnkoro bere mu na atiridii a na abɔ no no gyaee. 53 Ɔbarima no tee asɛm no pɛ na ɔkaee sɛ ɛyɛ saa bere koro no ara mu na Yesu ka kyerɛɛ no se, ɔnkɔ na ne ba no ho ayɛ no den no. Eyi maa ɔbarima no ne ne fifo nyinaa gyee Yesu dii.

54 Eyi ne nsɛnkyerɛnne a ɛto so abien a Yesu fii Yudea baa Galilea no ɔyɛe.