Add parallel Print Page Options

Ahonya ho kɔkɔbɔ

Afei, mo adefo nso muntie! Munsu na muntwa agyaadwo wɔ amanehunu a ɛreba mo so no ho. Mo ahonya no aporɔw na nweweboa awe mo ntama. Mo sika ne mo dwetɛ awe nkanare na saa nkanare no bedi adanse atia mo, na ahyew mo honam sɛ ogya. Nna a edi akyiri yi mu moahyehyɛ agyapade. Nnipa a wɔyɛɛ adwuma wɔ mo mfuw mu no, muntuaa wɔn ka enti wɔresi apini. Na wɔn apinisi no adu Onyankopɔn, Awurade Tumfo no aso mu.

Mo asetena wɔ asase so ha yɛ afɛfɛde ne anigye. Moadodɔ srade ama okum da. Moabu nea asɛm nni ne ho no kumfɔ akum no nanso onsiw mo kwan.

Boasetɔ ne mpaebɔ

Me nuanom, montɔ mo bo ase kosi sɛ Awurade bɛba. Monhwɛ sɛnea okuafo nya boasetɔ twɛn sɛ ne nnɔbae a ne bo yɛ den no benyin. Ɔde boasetɔ twɛn asusow bere. Ɛsɛ sɛ mo nso motɔ mo bo ase. Momma mo anidaso mu nyɛ den efisɛ, da a Awurade bɛba no abɛn.

Anuanom, munnni nseku nntia mo ho mo ho, na Onyankopɔn ammu mo atɛn. Ɔtemmufo no abɛn pɛ sɛ ɔba mu.

10 Me nuanom, monkae adiyifo a wɔde Awurade din kasae no. Momfa wɔn sɛ nhwɛso wɔ wɔn boasetɔ ne tumi a wotumi de tenaa amanehunu mu no. 11 Yɛfrɛ wɔn ahotɔfo efisɛ, wonyaa boasetɔ. Moate Hiob boasetɔ no na munim nea Awurade de dom no awiei no efisɛ, Awurade yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo.

12 Ne nyinaa akyi no, anuanom, sɛ mohyɛ bɔ a, monnka ntam nnsi so. Mommfa ɔsoro anaa asase anaa biribiara nnka ntam. Sɛ mopɛ sɛ moka “Yiw” a, monka “Yiw”. Sɛ nso mopɛ sɛ moka “Dabi” a, monka “Dabi” na moamma Onyankopɔn atemmu ase.

13 Mo mu bi wɔ ɔhaw bi mu anaa? Ɛsɛ sɛ saa onipa no bɔ mpae. Mo mu bi wɔ ahotɔ mu anaa? Ɛsɛ sɛ ɔto ayeyi nnwom.

14 Mo mu bi yare anaa? Ɛsɛ sɛ saa onipa no frɛ asafo mpanyimfo na wɔde Awurade din bɔ mpae ma no na wɔde ngo twitwiw ne ho. 15 Sɛ wɔbɔ saa mpae no gyidi mu a, ɛbɛsa ɔyarefo no yare, na Awurade bɛma no anya ahoɔden, na ne bɔne a wayɛ nyinaa, wɔde bɛkyɛ no.

16 Enti afei, monkeka mo bɔne nkyerɛ mo ho mo ho, na mommobɔ mpae mma mo ho mo ho sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔbɛsa mo yare. Onipa trenee mpaebɔ tumi yɛ nneɛma bebree. 17 Yɛte sɛ Elia a ɔbɔɔ mpae nokware mu sɛ osu nntɔ, na ampa ara osu antɔ asase no so mfe abiɛsa ne fa no ara pɛ. 18 Ɔsan bɔɔ mpae bio maa osu tɔe maa asase nyaa nnɔbae.

19 Me nuanom, sɛ mo mu bi guan fi nokware ho na ɔfoforo de no ba bio a, 20 ɔnkae sɛ, nea ɔdan ɔdebɔneyɛfo fi n’akwammɔne ho no gye no nkwa fi owu mu ma wɔde ne bɔne dodow no nyinaa kyɛ no.