Add parallel Print Page Options

Nkyia

Saa nhoma yi fi Kristo Yesu somafo Paulo a Onyankopɔn pɛ nti, ɔde rebɛkyerɛ baako a yɛne Kristo Yesu ayɛ nti wahyɛ yɛn asetena ho bɔ no.

De kɔma me ba pa Timoteo: Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoe mfi Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo.

Meda Onyankopɔn a mede adwene mu fann som no sɛnea me mpanyimfo yɛe no ase. Daa, anadwo ne awia, mekae wo wɔ me mpaebɔ mu.

Mekae su a wusu na mepɛ sɛ mihu wo a, na m’ani agye.

Mekae gyidi a emu yɛ den a wowɔ. Saa ara nso na mekae gyidi a na wo nena Lois ne wo na Eunike nso wɔ. Migye di sɛ wo nso wowɔ bi saa ara.

Eyi nti merebɔ wo nkae sɛ kae akyɛde a bere a mede me nsa guu wo so no Onyankopɔn de maa wo no. Efisɛ, Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufo; na mmom, Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛso. Mfɛre sɛ wubedi Awurade ho adanse; saa ara nso na mma me odeduani nso ho nyɛ wo fɛre. Na sɛ ɔhaw bi to wo Asɛmpa no ka ho a, gyina pintinn wɔ ahoɔden a Onyankopɔn de ama wo no mu.

Ogyee yɛn nkwa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ ne de. Ɛnyɛ biribi pa bi a yɛyɛ nti, na mmom n’adom ara kwa. Ansa na wɔrehyɛ wiase ase no, na ɔnam Kristo Yesu so kyɛɛ yɛn saa adom no 10 nanso mprempren, wɔnam Agyenkwa Kristo Yesu no ba a ɔbɛba so ada no adi akyerɛ yɛn. Watwa owu tumi so nam Asɛmpa no so ama yɛahu nkwa a enni awiei. 11 Onyankopɔn ayi me sɛ menna Asɛmpa no adi sɛ ɔsomafo ne ɔkyerɛkyerɛfo.

12 Ɛnam eyinom so nti na mihu saa amane yi. Nanso meda so wɔ gyidi, efisɛ, minim nea mede me ho ato no so no na minim nso sɛ ɔbɛkora nea mede ahyɛ ne nsa no ama da no nso.

13 So nokwasɛm a mekyerɛɛ wo no mu, na fa yɛ nhwɛsode di akyi, na tena gyidi ne ɔdɔ a ɛyɛ yɛn de a aka yɛne Kristo Yesu abom no mu. 14 Hwɛ nneɛma pa a wɔnam Honhom Kronkron tumi a ɛte yɛn mu so de agyaw yɛn no so yiye.

15 Sɛnea wunim no, Kristofo a wofii Asia baa ha no nyinaa aguan agya me. Figelo ne Hermogene nso ka wɔn ho. 16 Awurade nhu Onisiforo fifo mmɔbɔ efisɛ, ɔhyɛɛ me nkuran mpɛn pii. N’ani anwu wɔ me ho sɛ mada afiase pɛn, 17 na oduu Roma ara pɛ, ɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me ara kosii sɛ ohuu me. 18 Awurade mmoa no na da no onnya ahummɔbɔ mfi Awurade no nkyɛn! Wunim akwan horow a ɔfaa so boaa me wɔ Efeso.