Add parallel Print Page Options

Asɛmpa a efi Timoteo nkyɛn

Akyiri yi a mihui sɛ meyɛ ho hwee a ɛnyɛ ye no, meyɛɛ m’adwene sɛ me nko ara mɛtena Atene. Enti yɛsomaa yɛn nua Timoteo a yɛne no yɛ Onyankopɔn adwuma no sɛ ɔnkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ho mfa mmoa, nhyɛ mo gyidi den, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔtaa no nti, mo mu biara mmɔ hu. Mo ara munim sɛ saa ɔtaa no yɛ Onyankopɔn pɛ a wahyehyɛ ama yɛn. Bere a na yɛne mo wɔ hɔ no, yedii kan ka kyerɛɛ mo se, wɔbɛtaa yɛn na sɛnea munim no, saa pɛpɛɛpɛ na aba yi.

Ɛno nti na mesomaa Timoteo. Esiane sɛ na asɛm no hyɛ me so nti, mesomaa no sɛ ɔmmɛhwɛ mo gyidi mu. Na misuro sɛ ɔbonsam na wasɔ mo ahwɛ ama dwuma a yɛadi no nyinaa ayɛ ɔkwa.

Afei Timoteo afi mo nkyɛn aba yɛn nkyɛn abɛka anigyesɛm a ɛfa mo gyidi ne mo dɔ ho asɛm akyerɛ yɛn. Waka akyerɛ yɛn se daa modwene yɛn ho adwene pa na mopɛ sɛ muhu yɛn sɛnea yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛhu mo no ara pɛ. Enti yɛn haw ne yɛn amanehunu no mu no, moahyɛ yɛn nkuran, efisɛ, sɛ mugyina pintinn wɔ Awurade mu a, na ɛma yɛn nso yetumi gyina biribiara ano wɔ yɛn asetena mu.

Ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Mo nti, yɛda Onyankopɔn ase sɛ moama yɛn ho asɛpɛww yɛn wɔ n’anim. 10 Daa awia ne anadwo, yefi yɛn koma nyinaa mu srɛ no sɛ, ɔmma yɛne mo nhyia na yɛmma mo nea ehia mo wɔ mo gyidi mu.

11 Ɔno ara yɛn Nyankopɔn ne Agya no ankasa ne yɛn Awurade Yesu Kristo nsiesie kwan na yɛmmra mo nkyɛn. 12 Awurade mma mo dɔ mu nyɛ den mmoro so wɔ mo ho mo ho mu ne afoforo mu, sɛnea yɛn nso yɛdɔ mo no. 13 Ɔnhyɛ mo koma den a mo ho nni asɛm wɔ kronkronyɛ mu yɛn Nyankopɔn ne Agya no anim wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo ne n’ahotefo nyinaa ba mu.