Add parallel Print Page Options

Aware mu nhwɛso

Nokwarem, me nuanom, esiane sɛ mo nyinaa nim Mmara no nti, mote nea mepɛ sɛ meka no ase; mmere dodow a onipa te ase no, Mmara di ne so.

Ɔbea warefo sɛɛ, sɛ ɔte ase nkutoo de a, ɔhyɛ ne kunu mmara ase; na sɛ okunu no wu de a, na ɔnhyɛ ne kunu mmara ase bio. Ɛno nti, sɛ ɔkɔ ɔbarima foforo ho bere a ne kunu te ase a, wɔfrɛ no ɔwaresɛefo; na sɛ ne kunu no wu a, na ɔnhyɛ saa mmara no ase bio, ɛno nti sɛ ɔware ɔbarima foforo a, ɔnyɛ ɔwaresɛefo.

Me nuanom, saa ara na ɛte wɔ mo ho. Mo nso, esiane mmara no nti, moawu, efisɛ, moyɛ Kristo honam fa bi. Enti moyɛ nea wonyanee no fii awufo mu no de sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn ho bɛba mfaso ama Onyankopɔn. Bere a na yɛte ase ma yɛn ho no, yɛn bɔne su nam mmara no so kanyanee yɛn wɔ yɛn mu ma yɛyɛɛ adwuma maa owu. Afei de, yɛnhyɛ mmara biara ase efisɛ, yewu maa nea ɛkyekyeree yɛn sɛ nneduafo no. Afei de, yɛnhyɛ mmara biara a wɔakyerɛw no dedaw ase bio, na mmom yɛnam Honhom foforo kwan so na ɛsom.

Enti, afei yɛbɛka dɛn? So mmara no ankasa yɛ bɔne? Dabida! Efisɛ, ɛnam mmara no so na ɛma mihuu sɛnea bɔne te. Sɛ ɛnyɛ mmara no na ɛkae se, “Mma w’ani mmere obi ade” a, anka minnim anibere. Bɔne nyaa kwan nam mmara nsɛm no so kekaa ne ho wɔ me mu maa m’ani beree nneɛma ahorow bebree. Mmara akyi no, bɔne yɛ awude.

Mmara no akyi no na m’ankasa mete ase. Nanso mmara nsɛm no bae no, bɔne gyee ntini 10 na miwui. Na ɛyɛɛ saa maa mmara nsɛm a ɛbae sɛ ɛrebegye nkwa no, me de, ɛde owu brɛɛ me. 11 Bɔne nam mmara nsɛm no so nyaa me ho kwan daadaa me; ɛnam mmara nsɛm no so maa bɔne kum me. 12 Enti mmara no yɛ kronn; na mmara nsɛm no nso yɛ kronn, ɛteɛ na eye nso.

13 Eyi kyerɛ sɛ ade a eye no na ɛde owu brɛɛ me anaa? Dabida! Bɔne na ɛyɛɛ saa! Mede nea eye yɛɛ me ho ade no, bɔne de owu brɛɛ me sɛnea ɛbɛyɛ a, ne bɔne su no bɛda ne ho adi. Enti ɛnam mmara nsɛm so ma wohui sɛ bɔne yɛ amumɔyɛ ankasa. 14 Yenim sɛ mmara no yɛ honhom mu ade nanso meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn no sɛ akoa ama bɔne.

15 Mente nea meyɛ ase; efisɛ, menyɛ nea ɛsɛ sɛ meyɛ na mmom meyɛ nea mikyi. 16 Sɛ meyɛ nea mempɛ sɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ sɛ, mepene so sɛ mmara no ye. 17 Enti ɛnyɛ m’ankasa na meyɛ eyi; mmom bɔne a ɛte me mu no.

18 Minim sɛ ade pa biara nte me nipa su no mu; efisɛ, ɔpɛ a mepɛ sɛ meyɛ ade pa no wɔ me mu nanso mintumi nyɛ. 19 Papa a mepɛ sɛ meyɛ no, menyɛ; mmom bɔne a mempɛ sɛ meyɛ no, na meyɛ. 20 Sɛ meyɛ nea mempɛ sɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ me na meyɛe anaa; na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no.

21 Enti mihu sɛ saa mmara yi reyɛ n’adwuma. Sɛ mepɛ sɛ meyɛ nea eye a, nea enye no na eye ma me nti, meyɛ. 22 Me kra ani gye Onyankopɔn mmara ho. 23 Nanso mihu mmara foforo sɛ ɛreyɛ adwuma wɔ me nipadua mu; mmara a ɛko tia mmara a m’adwene pene so no. Ɛma meyɛ bɔne mmara no deduani a ɛyɛ adwuma wɔ me nipadua mu no. 24 Minni ahotɔ! Hena na obegye me afi saa ɔhonam a ɛde me rekɔ owu mu yi? 25 Menam yɛn Awurade Yesu Kristo so meda Onyankopɔn ase. Enti sɛnea mete ni. M’ankasa metumi de m’adwene a menam mmara so masom me Nyankopɔn wɔ bere a me nipadua de ɛsom bɔne.