Add parallel Print Page Options

Mmu atɛn

14 Munnye obi a ne gyidi sua mfra mo mu; mo ne no nnnye nea n’adwene kyerɛ no no ho akyinnye. Obi gyidi ma otumi di biribiara, nanso obi a ne gyidi sua no di afumduan nkutoo. Ɛnsɛ sɛ nea odi biribiara no bu nea onni biribiara no animtia; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ obi a odi afumduan nko ara no bu nea odi biribiara no atɛn; efisɛ, Onyankopɔn agye no. Wo ne hena a wubu obi somfo atɛn? Ɛyɛ ɔno ankasa ne wura na ɔbɛka se wadi nkonim anaasɛ wadi nkogu. Na obedi nkonim no, efisɛ, Awurade betumi ama wadi nkonim.

Obi dwen sɛ da bi wɔ hɔ a ɛho hia sen nna a aka no. Saa ara nso na onipa foforo nso dwen sɛ nna nyinaa yɛ pɛ. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara si n’adwene pi. Obiara a obebu da bi kɛse no yɛ saa de hyɛ Awurade anuonyam; obiara a odi biribi no yɛ saa de hyɛ Awurade anuonyam, efisɛ, ɔda Onyankopɔn ase wɔ saa aduan no ho. Obiara a ɔmpɛ sɛ odi nneɛma bi no yɛ saa de hyɛ Awurade anuonyam, na ɔda Onyankopɔn ase wɔ so. Yɛn mu biara nte ase mma ne nkutoo ho na obiara nwu mma ne nkutoo ho; sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma Awurade; na sɛ yewu a, yewu ma Awurade. Enti sɛ yɛte ase o, yewu o, yɛyɛ Awurade de. Na eyi nti na Kristo wui, na ɔsɔree, na onyaa nkwa sɛ ɔbɛyɛ awufo ne ateasefo wura. 10 Na wo, afei, adɛn nti na wubu wo nua atɛn? Na wo, adɛn nti na wubu wo nua animtia? Yɛn nyinaa begyina Onyankopɔn anim ama wabu yɛn atɛn. 11 Efisɛ, Kyerɛwsɛm no ka se, “Awurade ka se, mete ase yi, obiara bebu nkotodwe wɔ m’anim. Na obiara bɛpae mu aka se, mene Onyankopɔn.” 12 Yɛn mu biara bebu ne ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn. 13 Ɛno nti, momma yennyae yɛn ho yɛn ho atemmu. Mmom, nea ɛsɛ sɛ mudwen ne sɛ, monnyɛ biribiara a ɛbɛma mo nua akɔ bɔne mu.

14 Nkabom a me ne Awurade Yesu ayɛ no ma mihu sɛ biribiara nni hɔ a ɛho ntew. Na sɛ obi gye di sɛ biribi ho ntew a, na saa onipa no na ɛho ntew mma no. 15 Sɛ biribiara a wudi haw wo nua a, ɛnne na wonte hɔ ɔdɔ mu. Mma aduan a wudi no nsɛe onipa a ne nti Kristo wui no. 16 Mma ade a wubu sɛ eye no nnye din bɔne. 17 Efisɛ, Onyankopɔn ahenni no nyɛ adidi ne ɔnom na mmom ɛyɛ trenee, asomdwoe ne ahosɛpɛw a Honhom Kronkron no ma. 18 Obiara a ɔsom Kristo saa kwan yi so no, Onyankopɔn ani sɔ na nnipa bu no. 19 Ɛno nti, ɛsɛ sɛ bere biara, yedwene nneɛma a ɛde asomdwoe ba ho na ɛnam ɛnonom so hyɛ wɔn ho wɔn ho den.

20 Nnyina aduan so nsɛe nea Onyankopɔn ayɛ. Aduan biara yɛ aduan nanso sɛ wudi aduan a ɛde ɔfoforo bɛkɔ bɔne mu a, ɛyɛ bɔne. 21 Ade trenee a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ, wonwe nam, nnom bobe anaasɛ wonyɛ biribi a ɛbɛto wo nua hintidua. 22 Nea wugye di wɔ saa asɛm yi ho no ma ɛnka wo ne Onyankopɔn ntam. Nhyira ne nea ɔyɛ n’apɛde a ɔnte nka sɛ wɔabu no atɛn. 23 Na sɛ ne tirim nteɛ no nea odi ho a, sɛ odi a, Onyankopɔn bu no atɛn, efisɛ, nea ɔyɛ no mfi gyidi mu. Biribiara a emfi gyidi mu no nso yɛ bɔne.