Add parallel Print Page Options

Awurade ba a ɔbɛba bio

Adɔfonom, eyi ne krataa a ɛtɔ so abien a makyerɛw abrɛ mo. Mekyerɛwee sɛ mede rebɛkae mo, de akanyan mo adwene. Mepɛ sɛ mokae nsɛm a adiyifo kronkron no kae mmere bi a atwam no ne mmara a efi Awurade ne Agyenkwa a wɔde faa mo asomafo so maa mo no.

Nea edi kan no, sɛ mote ase sɛ, nna a edi akyiri no mu no, nnipa bi bɛba a wɔn ara wɔn honam akɔnnɔ na ebedi wɔn so. Wobedi mo ho fɛw aka se, “Ɔhyɛɛ mo bɔ sɛ ɔbɛba. Wanka? Na ɔwɔ he? Yɛn agyanom awuwu dedaw nanso biribiara te sɛ nea ɛte fi adebɔ mfiase!”

Wɔhyɛ da ma wɔn werɛ fi nokware no sɛ efi tete na Onyankopɔn kasae na wɔbɔɔ ɔsoro ne asase. Wɔbɔɔ asase fi nsu mu na wɔde nsu na ɛyɛe na wɔde nsu nso, Nsuyiri nsu na ɛsɛee wiase dedaw no. Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ mprempren yi de, wɔnam Onyankopɔn asɛm no ara so rekora ama ogya asɛe no. Wɔrekora ama ɛda a wobebu nnebɔneyɛfo atɛn na wɔasɛe wɔn no.

Nanso, anuanom, mommma mo werɛ mmfi ade baako sɛ Awurade ani so de, nsonoe nni da koro ne mfe apem ntam. Ne fam de, n’abien nyinaa yɛ pɛ. Awurade ntwentwɛn ne nan ase wɔ ne bɔ a wahyɛ ho sɛnea ebinom dwen no. Mmom, ɔwɔ mo ho boasetɔ efisɛ, ɔmpɛ sɛ wɔbɛsɛe obiara na mmom ɔpɛ sɛ obiara sesa fi ne bɔne ho. 10 Na Awurade da no bɛba sɛ owifo. Ɛda no, ɔsoro bɛbobom na ayera na wim nneɛma bɛhyew na asɛe na asase ne so nneɛma nyinaa nso ayera.

11 Sɛ saa kwan yi so na wɔbɛfa asɛe ade nyinaa a, na dɛn bra na ɛsɛ sɛ mobɔ? Ɛsɛ sɛ mo bra yɛ kronn na mode mo ho ma Onyankopɔn. 12 Monhwɛ saa da no kwan na monyɛ mo nneɛma pɛpɛɛpɛ; saa da a Onyankopɔn bɛto ɔsoro mu gya na wim nneɛma anan na ayera wɔ ogyaframa mu no. 13 Nanso yɛtwɛn nea Onyankopɔn ahyɛ yɛn ho bɔ no, ɔsoro foforo ne asase foforo a ɛhɔ na atreneefo bɛtena.

14 Enti, anuanom, mugu so retwɛn da no yi, mommɔ mmɔden sɛ mobɛyɛ kronn a mfomso biara nni mo ho wɔ Onyankopɔn anim na mo ne no atena wɔ asomdwoe mu.

15 Monkae sɛ Awurade boasetɔ no kyerɛ nkwagye te sɛ nea yɛn nua Paulo nam nyansa a Onyankopɔn de maa no no so kyerɛw mo no. 16 Saa kwan koro no ara so na ɔfa kyerɛw ne nkrataa no na saa nsɛm yi ara so nso na ogyina kyerɛwee. Nsɛm bi a ɛyɛ den wɔ ne nkrataa no mu a wɔn a wonnim na wɔnyɛ den no nkyerɛ ase yiye te sɛ nea wɔkyerɛ Kyerɛwsɛm a aka no ase no a ɛde ɔsɛe brɛ wɔn no.

17 Nanso, anuanom, mo de munim eyi dedaw. Monwɛn na wɔn a wonni mmara so annaadaa mo amfi beae pa. 18 Munyin wɔ yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno na anuonyam nka no mprempren ne daa. Amen.