Add parallel Print Page Options

Abrabɔ foforo

Esiane sɛ Kristo huu amane ne honam mu nti, munso saa adwene koro no ara mu mfa nhyɛ mo ho den. Efisɛ, obiara a ohu amane wɔ honam mu no ne bɔne nni biribiara yɛ. Efi mprempren rekɔ no, mo nna a aka wɔ asase so ha no, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn na odi mo abrabɔ so a ɛnyɛ onipa akɔnnɔ so. Moasɛe mmere bebree de ayɛ nea ɛsɛ sɛ manmufo na wɔyɛ. Motenaa ase wɔ ahohwi, akɔnnɔ, asabow, agobɔne, adidimee ne abosonsom mu.

Mprempren ɛyɛ manmufo no nwonwa sɛ mo ne wɔn mmɔ mu mmu ahuhu bra no bio, ɛno nti, wɔyeyaw mo. Nanso wobebu wɔn ho nkontaa akyerɛ Onyankopɔn a wasiesie ne ho bu ateasefo ne awufo atɛn no. Saa nti na wɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ awufo, sɛnea wobebu wɔn atɛn sɛ ateasefo a wɔwɔ honam mu, na wɔatena ase ama Onyankopɔn wɔ honhom mu no.

Biribiara awiei abɛn. Ɛsɛ sɛ mohyɛ mo ho so na mowɛn na moatumi abɔ mpae. Eyi akyi no, monnodɔ mo ho yiye efisɛ, ɔdɔ bunkam bɔne nyinaa so. Munnye mo ho ahɔho wɔ mo afi mu a huhuhuhu biara nni akyiri. 10 Honhom mu adom a obiara anya no, onnyina so mfa nsom afoforo. 11 Sɛ obi reka asɛm a ɔnka Onyankopɔn asɛm. Obiara a ɔsom no, mfa ahoɔden a Onyankopɔn de ma no no nsom sɛnea biribiara mu, wɔbɛfa Yesu Kristo so akamfo Onyankopɔn a anuonyam ne tumi wɔ no daadaa no. Amen.

Okristoni amanehunu

12 Anuanom, mommma amanehunu a morehu no nnyɛ mo nwowa te sɛ nea montee so asɛm da. 13 Na mmom momma mo ani nnye sɛ mo ne Kristo rehu amane sɛnea mo ani begye daa da a ɔbɛda n’anuonyam adi no.

14 Nhyira nka mo sɛ moyɛ Kristo akyidifo nti wɔyaw mo. Eyi kyerɛ sɛ anuonyam honhom a ɛyɛ Onyankopɔn Honhom no wɔ mo so. 15 Ɛnsɛ sɛ mo mu biara hu amane sɛ owudifo anaa owifo anaa odwowtwafo anaa ɔsɛmpɛfo. 16 Na sɛ muhu amane wɔ mo Kristosom ho a, mommma mo ani nnwu na mmom, monna Onyankopɔn ase sɛ Kristo din bata mo ho.

17 Bere adu sɛ wobu atɛn, na Onyankopɔn no ara nkurɔfo na wobedi kan abu wɔn atɛn. Na sɛ wofiti ase wɔ yɛn so a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛfa akɔ wɔn a wonnye Asɛmpa a efi Onyankopɔn nkyɛn no nni no nkyɛn? 18 Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɛyɛ den sɛ wobegye onipa pa nkwa; na wɔn a wonnye asɛm no nni ne nnebɔneyɛfo no de, dɛn na ɛbɛba wɔn so?”

19 Ne saa nti, wɔn a wohu amane sɛnea Onyankopɔn ahyehyɛ no, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho ma Ɔbɔadeɛ no na wɔkɔ so yɛ papa.