Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn, Ɔhene Kɛse

96 To dwom foforo ma Awurade! Monto mma Awurade, wiasefo nyinaa! Monto mma Awurade na monkamfo no! Daa mompae mu nka asɛmpa no se wagye yɛn nkwa.

Monka n’anuonyam ho asɛm ne nneɛma akɛse a wayɛ ama nnipa nyinaa nkyerɛ aman. Awurade yɛ ɔkɛseɛ enti ɔsɛ nkamfo. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no anuonyam sen anyame a aka no nyinaa. Anyame a wɔwɔ aman a aka so no nyinaa yɛ ahoni. Nanso Awurade bɔɔ ɔsoro. Anuonyam ne kɛseyɛ atwa ne ho ahyia. Tumi ne ahotew ahyɛ ne fi ma. Monkamfo Awurade, nnipa a mowɔ asase so nyinaa; monkamfo n’anuonyam ne ne tumi. Monkamfo Awurade din a anuonyam wɔ mu no; momfa afɔrebɔde mmra na mommra n’asɔrefi. Sɛ ofiti na ɔreba a, kotow ɔkronkronni no. Asase nyinaa, mo ho mpopo wɔ n’anim! 10 Monka nkyerɛ aman nyinaa se, “Awurade ne hene! Wɔabɔ asase atim hɔ pintinn a ɛnka ne ho; obebu nnipa atɛntrenee.”

11 Asase ne wim, momma mo ani nnye. Ɛpo ne mu abɔde nyinaa nworo so; 12 mfuw ne biribiara a ɛwɔ mu, mo ani nnye! Nnua a ɛwɔ kwaem de ahosɛpɛw bɛteɛm 13 bere a Awurade rebedi asase so no. Obedi wiasefo so nokwarem.