Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn atemmu ho aseda

Awurade, mifi me koma nyinaa mu makamfo wo. Mɛka anwonwade a woayɛ no nyinaa. Wo nti, mɛto dwom anigye so. Mɛto ayeyi dwom ama wo, Otumfoɔ Nyankopɔn.

Sɛ m’atamfo hu wo a, wɔsan wɔn akyi. Wɔtetew hwehwe, wuwu. Wubu atɛntrenee, na woabu me bem. Woabu amanamanmufo fɔ, na woasɛe nnebɔneyɛfo. Na worenkae wɔn bio. Woawie yɛn atamfo korakora; woasɛe wɔn nkurow, na wɔn ho nkae ayera korakora.

Nanso Awurade di hene daa daa. Wasi n’atemmu ahengua. Ɔne atreneefo na edi wiase so; ɔnam atɛntrenee so na ebu amanaman atɛn. Awurade yɛ nea wɔretane n’ani guankɔbea ne amanehunu mu nkwagyebea. 10 Awurade, wɔn a wonim wo no de wɔn ho bɛto wo so. Na obiara a ɔba wo nkyɛn no nso, worennyaw no.

11 Monto ayeyi dwom mma Awurade a odi Sion so no. Monka nea wayɛ nkyerɛ amanaman. 12 Onyankopɔn kae amanehunufo. Ne werɛ mfi wɔn su, na ɔtwe wɔn a wɔhaw wɔn no aso.

13 O Awurade, hu me mmɔbɔ. Hwɛ amane a m’atamfo ma mihu. Gye me fi owu mu, O Awurade, 14 na matumi agyina nnipa a wɔwɔ Yerusalem anim, na maka nneɛma a mekamfo wo wɔ ho makyerɛ wɔn. M’ani begye efisɛ, woagye me nkwa.

15 Amanamanmufo atu amoa na wɔatɔ mu. Wɔn ara wɔn ankasa afiri ayi wɔn. 16 Awurade da ne ho adi sɛ ɔyɛ ɔtreneeni efisɛ, ɔma nnebɔneyɛfo no ara afiri yi wɔn.

17 Owu wɔ hɔ ma nnebɔneyɛfo ne wɔn a wɔpo Onyankopɔn nyinaa. 18 Ɛnyɛ daa na wobegyaw wɔn a ade ahia wɔn, na mmɔborɔfo anidaso renyera korakora.

19 Bra, Awurade! Mma nnipa nnko nntia wo! Twe amanamanmufo bra w’anim na bu wɔn atɛn. 20 Ma wonsuro, O Awurade; na ma wonhu sɛ wɔyɛ adasamma.