Add parallel Print Page Options

Mmoa mpaebɔ

86 Tie me, Awurade, na gye me so efisɛ, minni ɔboafo na meyɛ mmerɛw.

Gye me fi owu mu efisɛ, migye wo di. Gye me nkwa efisɛ, meyɛ ɔsomfo na mewɔ wo mu gyidi. Woyɛ me Nyankopɔn, enti hu me mmɔbɔ. Mebɔ wo mpae daa nyinaa. Ma wo somfo ani nnye, O Awurade, efisɛ me mpaebɔ kɔ wo nkyɛn. Woyɛ yɛn adɔe na wode yɛn bɔne kyɛ, na wɔn a wɔbɔ wo mpae no nso, woma wɔn ɔdɔ a ɛnsa da.

Awurade, tie me mpaebɔ; tie me sufrɛ na boa me. Mefrɛ wo hiada mu efisɛ, wugye me mpaebɔ so.

Onyame bi nni hɔ a ɔte sɛ wo, O Awurade, obiara ntumi nyɛɛ nea woayɛ. Aman a woakyekyere nyinaa bɛba abɛkotow wo; wɔbɛkamfo wo kɛseyɛ. 10 Woyɛ otumfoɔ a woyɛ nneɛma akɛse. Wo nko ne Onyankopɔn.

11 Awurade, kyerɛ me nea wopɛ sɛ meyɛ na medi so nkoware mu. Kyerɛ me na memfa m’adagyew nsom wo. 12 Mede me koma nyinaa bɛkamfo wo, O Awurade me Nyankopɔn. Mɛda wo kɛseyɛ no adi daa daa. 13 Dɔ a wodɔ me daa no so. Woagye me afi damoa ankasa mu.

14 Ahantanfo reba abɛyɛ me dɔm, O Onyankopɔn; atirimɔdenfo kuw pɛ sɛ wokum me; wɔn a wommu wo no. 15 Nanso wo, O Awurade, yɛ mmɔborɔhunufo ne ɔdɔ Nyankopɔn. Daa, wowɔ boasetɔ wɔ ayamye, na woyɛ ɔnokwafo nso. 16 Dan w’ani bra me so na hu me mmɔbɔ. Hyɛ me den na gye me nkwa, efisɛ, mesom wo sɛnea me na yɛe no. 17 Da papa a wuyi no adi kyerɛ me, Awurade; wɔn a wɔtan me no, sɛ wohu sɛ wokyekye me werɛ boa me a, wɔn ani bewu.