Add parallel Print Page Options

Ɔman foforoyɛ mpaebɔ

80 Tie yɛn, O Israel guanhwɛfo; tie yɛn, wo nguan sohwɛfo panyin. Wo a wote w’ahengua a esi atakraboa ntaban so no, da wo ho adi kyerɛ Efraim, Benyamin ne Manase mmusuakuw no. Da w’ahoɔden adi; bra begye yɛn nkwa.

Fa yɛn san bra, O Onyankopɔn! Hu yɛn mmɔbɔ na yebenya nkwa. Wo bo befuw wo nkurɔfo mpaebɔ akosi bere bɛn, Otumfoɔ Awurade Nyankopɔn? Woama yɛn awerɛhow sɛ yenni ne nusu kuruwa kɛse ma sɛ yɛnnom. Ma aman a atwa yɛn ho ahyia no nko yɛn asase no so; yɛn atamfo kasa tia yɛn.

San fa yɛn bra, Otumfoɔ Nyankopɔn! Hu yɛn mmɔbɔ na wobegye yɛn nkwa. Wode bobe fi Misraim bae. Wopamoo aman foforo bi fii hɔ na wuduaa wɔ wɔn asase so. Wusiesiee baabi sɛnea ebenyin. Ne ntini no kɔɔ asase mu na ɛtrɛtrɛw asase no so nyinaa. 10 Ɛde ne nhwini kata nkoko so na n’abaa no kata sida nnua so. 11 N’abaa dennanee koduu ɛpo so kɔe ara koduu asu Efrata so. 12 Adɛn nti na wubuu ban a atwa ho ahyia no? Mprempren, obiara a ɔbɛfa hɔ no betumi awia n’aba no bi; 13 na kɔkɔte tiatia so na wuram mmom awe.

14 Otumfoɔ Nyankopɔn, dan w’ani hwɛ yɛn. Hwɛ yɛn fi soro hɔ; bra na begye wo nkurɔfo nkwa! 15 Begye bobe a wuduae na nkwa; saa bobe ketewa a woma enyin ahoɔden so no! 16 Yɛn atamfo ato mu gya atwa akyene; fa w’abufuw hwɛ wɔn na sɛe wɔn. 17 Hwɛ nnipa a woayi wɔn no so na bɔ wɔn ho ban; ɔman a wugyinaa no ahoɔden so no. 18 Yɛrennan yɛn ho mfi wo ho bio. Ma yɛn nkwa na yɛbɛkamfo wo.

19 Otumfoɔ Awurade Nyankopɔn, san fa yɛn bra. Hu yɛn mmɔbɔ na wobegye yɛn nkwa.