Add parallel Print Page Options

Amane mu awerɛkyekyere

77 Misu dennen mefrɛ Onyankopɔn; misu dennen na otie me. Ɔhaw mu, mebɔ Awurade mpae; anadwo mu nyinaa, mema me nsa so bɔ mpae nanso me werɛ nkyekye. Sɛ midwen Onyankopɔn ho a, migu ahome; sɛ midwen komm a, mabasa mu bu. Ɔma me si pɛ anadwo nyinaa. Nsɛm haw me nti, mintumi nkasa.

Midwen nna a atwam no na mekae nna a atwam dedaw no. Anadwo mu no nyinaa midwenee yiye. Midwenee komm no, asɛm a mibisaa me ho ni, “Enti daa Awurade bɛpo yɛn saa? Afei n’ani rensɔ yɛn bio? Wagyae dɔ a ɔdɔ yɛn no? Na ne bɔhyɛ no, wagyae? Onyankopɔn werɛ afi sɛ obehu mmɔbɔ? Abufuw abesi n’ahummɔbɔ ananmu anaa?” 10 Afei mekae se, “Nea ɛhaw me titiriw koraa ne sɛ afei de, Onyankopɔn nni tumi bio.” 11 Mɛkae nneɛma akɛse a woyɛe no, Awurade; mɛkae anwonwade a woyɛɛ no tete no. 12 Medwen nea woayɛ no nyinaa ho. Medwen wo tumideyɛ no nyinaa ho komm. 13 Biribiara a woyɛ no, O Onyankopɔn, yɛ kronn; onyame bi nso nsen wo. 14 Woyɛ Onyankopɔn a woyɛ anwonwade; wokyerɛ wo tumi wɔ aman so.

15 Wonam wo tumi so gye wo nkurɔfo a wɔyɛ Yakob ne Yosef asefo no nkwa. 16 Bere a ɛpo huu wo no, esuroe, O Onyankopɔn, na ɛpo mu donkudonku no mpo wosowee. 17 Omununkum tɔɔ nsu; aprannaa paapae fii soro na anyinam tetew fii mmeae nyinaa. 18 W’aprannaa a ɛpaapaee no bobɔe na anyinam a ɛtetewee no maa wiase sɔɔ hann. Asase wosowee.

19 Wonantewee asorɔkye no mu; wutwaa ɛpo a ɛmu dɔ no, nanso wɔanhu w’anammɔn. 20 Wudii wo nkurɔfo anim sɛ oguanhwɛfo a, na Mose ne Aaron na na wɔka wɔn ho.