Add parallel Print Page Options

Ɔtemmufo Nyankopɔn

75 Yɛda wo ase, O Onyankopɔn, yɛda wo ase! Yɛda wo kɛseyɛ adi ka anwonwade a woayɛ. Onyankopɔn ka se, “Mahyɛ bere a mede bebu atɛn na mebu atɛntrenee. Ɛwom, abɔde biara ho popo na asase ankasa wosow nanso mɛma ne fapem ayɛ den.

“Meka kyerɛ amumɔyɛfo se, wɔnnyɛ ahantan. Meka kyerɛ wɔn se wonnyae wɔn ahohoahoa no.” Atemmu no remfi apuei anaa atɔe anaa atifi anaaa anafo. Onyankopɔn ne ɔtemmufo no. Obebu ebinom fɔ na wagyaa ebinom nso. Awurade kita kuruwa a n’abufuw nsa a ano yɛ den wɔ mu wɔ ne nsam. Ohwie gu ma amumɔyɛfo nyinaa nom. Wnom ne nyinaa a sɔpɛ koraa nka.

Nanso merennyae Yakob Nyankopɔn ho asɛnka da, na merennyae ayeyi dwom a meto ma no no nso da. 10 Obebubu amumɔyɛfo tumi mu, nanso ɔtreneeni tumi mu bɛhyɛ den.