Add parallel Print Page Options

Ɔmannyina mpaebɔ

74 O Onyankopɔn, adɛn nti na woagyaa yɛn mu saa? Wo bo befuw wo nkurɔfo akosi wiase awiei? Kae wo nkurɔfo a wo ara wuyii wɔn mmere pii a atwam de wɔn fi nkoasom mu bɛyɛɛ w’ankasa w’abusua no. Kae Sion bepɔw a da bi hɔ na wote so no.

Nantew fa saa amamfo yi so; yɛn atamfo na wɔasɛe biribiara a ɛwɔ asɔrefi hɔ. W’atamfo teɛm nkonim so wɔ wo fi hɔ. Wɔasisi wɔn mfrankaa a ɛkyerɛ sɛ wɔadi nkonim. Wɔte sɛ nnipa nnuabufo a wɔde wɔn mmonnua bu nnua gu. Wɔde wɔn mmonnua ne wɔn nname sɛee mpongua no nyinaa. Wobubuu wo fi no, na wɔtoo mu gya. Woguu faako a wɔsom wo hɔ no ho fi. Wɔpɛe sɛ anka wɔtɔre yɛn ase; wɔhyew mmeae kronkron a ɛwɔ asase no so nyinaa.

Yɛn agyiraehyɛde kronkron no nyinaa kɔ. Adiyifo nyinaa asa na obiara nnim nna ko a eyi bedi. 10 O Onyankopɔn, w’atamfo bɛserew wo akosi da bɛn? Wɔbɛkasa atia wo din akosi daa daa? 11 Adɛn nti na wompɛ sɛ woboa yɛn? Adɛn na woabobɔw wo nsa agu w’akyi?

12 Nanso woyɛ yɛn hene fi mfitiase, O Onyankopɔn. Woagye yɛn nkwa mpɛn pii. 13 Wonam w’ahoɔden tumi so kyɛɛ po mu abien, na wopɛtɛw nsu mu atweaseɛ ti. 14 Wopɛtɛw bonsu ti na wode ne nam maa sare so mmoa wee. 15 Womaa nsuwa ne nsuti teɛe na womaa nsu akɛse yoyoe. 16 Wobɔɔ awia ne anadwo. Wode owia ne ɔsram sii wɔn tenabea.

17 Wokyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ asase ano kɔpem. Wobɔɔ ahohuru ne awɔw. 18 Nanso kae, O Awurade, sɛ w’atamfo serew wo sɛ woyɛ kronn nam so bu wo animtia.

19 Nyaw wo nkurɔfo a wonni boafo no mma wɔn atamfo atirimɔdenfo no. Mma wo werɛ mmfi nnipa a wɔtaa wo no! 20 Kae apam a wo ne yɛn hyehyɛe no. Basabasayɛ wɔ asase no tweaa so sum mu baabiara. 21 Ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no anim ngu ase. Ma ahiafo ne mmɔborɔfo nkamfo wo. 22 Ma wo ho so, Onyankopɔn, na yi wo ho adi! Kae sɛ nnebɔneyɛfo serew wo daa nyinaa. 23 Mma wo werɛ mmfi abufuw nteɛteɛm ne gyegyeegye a w’atamfo yɛ no.