Add parallel Print Page Options

Mpae a wɔbɔ ma ɔhene

72 Kyerɛ ɔhene no na ommu w’atɛntrenee, O Onyankopɔn. Kyɛ no atemmu nyansa no bi sɛnea ɔde nokware bedi wo nkurɔfo so na wahwɛ wɔn a wɔremia wɔn no trenee mu. Asase no nkɔ so frɔmfrɔm. Ma trenee mmra asase no so. Ma ɔhene mmu ahiafo atɛn pa. Ma ɔmmoa ahiafo na onni wɔn a womia wɔn afɛfo so nkonim. Wo nkurɔfo nsom wo mmere dodow a owia bɔ yi, na ɔsram nso hyerɛn kɔsi daa daa yi.

Ma ɔhene no nyɛ sɛ osu a ɛtɔ wɔ afum, ɛnyɛ sɛ obosu a egugu asase no so. Ma trenee mmu so ne nkwa nna mu, na nkɔso mmɔ atenaseɛ mmere dodow a ɔsram kɔ so haran yi. N’ahenni befi po akosi po na afi Efrata akosi asase ano. Nnipa a wɔwɔ sare no so bɛkotow n’anim. N’atamfo bɛtow wɔn ho agu fam. 10 Sampanya ahene ne ɛhɔ supɔw no sofo bɛma no akyɛde. Arabia ahene ne Etiopia ahene bɛkyɛ no akyɛde. 11 Ahene nyinaa bɛkotow n’anim; aman nyinaa bɛsom no.

12 Ahiafo a wɔfrɛ no no, ogye wɔn ne mmɔborɔfo ne wɔn a wonni ahwɛfo nyinaa. 13 Ohu wɔn a wɔayɛ mmerɛw ne ahiafo mmɔbɔ. Ogye wɔn a ade ahia wɔn no nkwa. 14 Ogye wɔn fi ɔhyɛ ne basabasayɛ mu. Wɔn nkwa som no bo.

15 Ɔhene nkwa so! Wɔmfa sikakɔkɔɔ mfi Arabia mmrɛ no. Wɔmmɔ mpae mma no bere biara. Onyankopɔn nhyira nka no daa daa. 16 Aburow mmu so wɔ asase no so. Afuduan mmu so wɔ nkoko so, na aba mmra bebree sɛ Lebanon. Nnipa nhyɛ nkurow so ma te sɛ sare so sare. 17 Daa, wɔnkae ɔhene din na ne din ntena nkyɛ sɛ owia. Aman nyinaa nkamfo no. Wɔnsrɛ Onyankopɔn na onhyira wɔn na wɔnsrɛ ahotɔ mma ɔhene.

18 Monkamfo Awurade, Israel Nyankopɔn! Ɔno nko ara na ɔyɛ saa anwonwade yi. 19 Monkamfo ne din a anuonyam ahyɛ no ma no daa daa. N’anuonyam nhyɛ wiase nyinaa ma, Amen! Amen!

20 Yisai ba Dawid mpaebɔ no awiei ni.