Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn ho anigyina

63 O Onyankopɔn, woyɛ me Nyankopɔn na m’ani agyina wo. Me nipadua nyinaa hwehwɛ wo te sɛ asase a ɛso awo na srade ne nsu nni mu. Wo ho sukɔn de me kra. Ma minhu wo wɔ Kronkron mu Kronkron hɔ; ma minhu sɛ woyɛ ɔkɛse ne onuonyamfo. Wo dɔ a wodɔ daa no ye sen nkwa ankasa mpo, enti mɛkamfo wo. Sɛ mete ase yi, mɛda wo ase. Mɛma me nsa so abɔ wo mpae. Me kra bedidi na amee na mɛto anigye nnwom ayi wo ayɛ.

Meda mpa so nyinaa, mekae wo. Anadwo nyinaa, midwen wo ho efisɛ, daa woyɛ me boafo. Wo ntaban ase nwini mu na mɛto anigye dwom. Me bata wo ho na wo nsa hwɛ me so yiye. Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no bɛkɔ asaman ase pɛɛ. 10 Wobekum wɔn wɔ ɔko mu na mpataku awe wɔn nam. 11 Esiane sɛ Onyankopɔn ma no nkonim nti, ɔhene no benya ahosɛpɛw. Wɔn a wɔhyɛ bɔ wɔ Onyankopɔn din mu no bɛkamfo no, nanso atorofo ano de, wɔbɛto mu.