Add parallel Print Page Options

Ɔhaw mu mpaebɔ

Awurade, ntwe m’aso wɔ w’abufuwhyew mu. O Awurade, mabrɛ; hu me mmɔbɔ. Ma me ahoɔden; m’ahoɔden nyinaa asa. Na me nipadua nyinaa wɔ ɔhaw mu. O Awurade, mentwɛn nkosi da bɛn ansa na woaboa me?

Bra na begye me nkwa, Awurade; w’ahummɔbɔ mu, yi me fi owu mu. Obi nkae wo wɔ asaman; hena na wofi asaman bɛba abɛkamfo wo? Awerɛhow ama mayɛ mmerɛw. Daa anadwo me nusu fɔw me kɛtɛ ma me sumii nso fɔw.

M’ani so yɛ me kusuu. Osu a m’atamfo ama masu nti, m’ani akyi ayɛ duru.

Mo nnebɔneyɛfo, montwe mo ho mfi me ho! Awurade tie me su. Otie me su, boa me, na obetie me mpaebɔ nso. 10 M’atamfo anim begu ase wɔ wɔn nkogu mu, na wɔapam wɔn wɔ basabasayɛ mu.