Add parallel Print Page Options

Ogye mpaebɔ

59 Gye me fi m’atamfo nsam, me Nyankopɔn; bɔ me ho ban fi wɔn a wɔtaa me so no ho. Gye me nkwa fi saa amumɔyɛ fo no nsam. Gye me fi awudifo no nsam. Hwɛ! Wɔretwɛn akum me; atirimɔdenfo reboa wɔn ho ano atia me. Ɛnyɛ bɔne bi anaa biribi a enye bi na mayɛ; ɛnna ɛnyɛ me mfomso bi nti, O Awurade, a enti wɔka wɔn ho kɔ wɔn atenae no. Sɔre, Awurade Nyankopɔn Tumfoɔ na bɛboa me; w’ankasa bɛhwɛ, Israel Nyankopɔn. Sɔre na twe manmufo aso. Nhu amumɔyɛfo nkontompofo no mmɔbɔ! Wɔsan ba anwummere pɔ so wɔ kurow no mu te sɛ akraman. Tie wɔn kasatia ne wɔn ahunahuna. Wɔn tɛkrɛma te sɛ nkrante wɔ wɔn anom, nanso wosusuw sɛ obi nte wɔn nka. Nanso woserew wɔn, Awurade. Wudi manmufo ho fɛw.

Mewɔ gyidi wɔ w’ahoɔden mu. Woyɛ me guankɔbea, O Onyankopɔn. 10 Me Nyankopɔn dɔ me na ɔbɛba me nkyɛn. Ɔbɛma mahu sɛ wadi m’atamfo so.

11 Nkum wɔn, O Onyankopɔn, na me nkurɔfo werɛ befi. Fa w’ahoɔden bɔ wɔn pete na di wɔn so, O Awurade, yɛn gyefo. 12 Bɔne wɔ wɔn anofafa so; nsɛm a efi wɔn anom nyinaa yɛ bɔne. Ma wɔnkyere wɔn wɔ wɔn ahantan mu! Efisɛ, wɔdome, di atoro nso. 13 Sɛe wɔn w’abufuw mu; sɛe wɔn koraa. Saa na ɛbɛma obiara ahu sɛ Onyankopɔn di Israel so, na n’ahenni trɛw kɔ asase so mmaa nyinaa. 14 M’atamfo san ba anwummere, pɔ so kyinkyin kurow no mu 15 te sɛ akraman a wɔrepɛ aduan adi, na sɛ wɔannya bi anni ammee a, wonwiinwii.

16 Nanso mɛto w’ahoɔden ho dwom; anɔpa biara, mɛto daa ɔdɔ a wowɔ no ho dwom dennen. Woayɛ me guankɔbea, me guankɔbea ɔhaw mu. 17 Mɛkamfo wo, me gyefo. Me guankɔbea ne Onyankopɔn, Onyankopɔn a ɔdɔ me no.