Add parallel Print Page Options

Onipa a wɔatwa no asu mpaebɔ

43 O Onyankopɔn, bu me bem na gye me fi nnebɔneyɛfo nsam; gye me fi atorofo ne nnebɔneyɛfo nsam! Wone me hwɛfo. Adɛn nti na woagyaw me? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ so hu amane wɔ m’atamfo atirimmɔden mu?

Soma wo hann ne wo nokware na enni m’anim mfa me mmra Sion, wo bepɔw Kronkron no so ne wo fi a wote mu no mu. Afei mɛkɔ w’afɔremuka no anim, O Onyankopɔn; wo mu na m’ahotɔ fi. Mɛbɔ me sanku na mato dwom makamfo wo, O Onyankopɔn, me Nyankopɔn. Adɛn nti na me werɛ ahow saa? Adɛn nti na me ho yeraw me saa? Mede me ho bɛto Onyankopɔn so, na bio mɛkamfo no, m’agyenkwa ne me Nyankopɔn.