Add parallel Print Page Options

Ɔdebɔneyɛfo ne ɔtreneeni hyɛbere

37 Mma wo werɛ nnhow wɔ nnebɔneyɛfo ho; mma w’ani mmmere wɔn a wɔyɛ bɔne. Wɔbɛhyew te sɛ sare a awo. Wobewu te sɛ afifide a atwintwam. Fa wo ho to Awurade so na yɛ papa. Tena asase no so na bɔne amma wo so.

Hwehwɛ ahotɔ wɔ Awurade mu na ɔbɛma wo nea wo koma pɛ. Fa wo ho ma Awurade; fa wo ho to no so na ɔbɛboa wo; ɔbɛma wo treneeyɛ ada adi te sɛ owigyinae mu awia.

Tɔ wo bo ase na twɛn nea Awurade bɛyɛ; mma obi a odi yiye anaa wɔn a wodi nkonim wɔ wɔn bɔne mu ho asɛm nnhaw wo. Nni awerɛhow na mma wo bo mmfuw; ɛde ɔhaw na ɛba. Wɔn a wogye Awurade di no benya asase no; na wɔbɛpam nnebɔneyɛfo no. 10 Ɛrenkyɛ, nnebɔneyɛfo bɛyera. Wobɛhwehwɛ wɔn nanso worenhu wɔn; 11 ahobrɛasefo nsa bɛka asase no na wɔanya asomdwoe.

12 Ɔdebɔneyɛfo wowɔ ɔtreneeni ase, na ɔde ɔtan aniwa hwɛ no. 13 Nanso Awurade serew nnebɔneyɛfo efisɛ, onim sɛ ɛrenkyɛ na wɔasɛe wɔn. 14 Ɔdebɔneyɛfo twe ne nkrante na ɔkoa ne tadua mu de kum ahiafo, mmɔborɔfo ne atreneefo. 15 Nanso wɔn ankasa nkrante ano na wobewuwu, na wubebu wɔn tadua mu.

16 Kakra a ɔtreneeni wɔ no som bo sen nnebɔneyɛfo ahonya nyinaa 17 efisɛ, Awurade begye nnebɔneyɛfo ahoɔden na wabɔ atreneefo ho ban.

18 Awurade hwɛ wɔn a wotie no, na asase no bɛyɛ wɔn dea daa daa. 19 Wɔrenhu amane bere bɔne mu. Ɔkɔm kɛse mu wobedidi ama aso wɔn. 20 Nanso nnebɔneyɛfo bewuwu. Awurade atamfo bɛyera te sɛ wuram nhwiren; wɔbɛyera te sɛ wusiw. 21 Ɔdebɔneyɛfo bɔ bosea, nanso ontumi ntua da, nanso ɔtreneeni yɛ ayamye! 22 Wɔn a Awurade ahyira wɔn no na wɔbɛfa asase no na wɔapam wɔn a wɔadome wɔn no.

23 Awurade yɛ ɔkwankyerɛfo, na ɔbɔ wɔn a wɔsɔ n’ani ho ban. 24 Sɛ wɔhwe ase a wɔrenka fam efisɛ, Awurade bɛma wɔn so.

25 Mabɔ akora mprempren. Matena ase akyɛ nanso minhuu ɔtreneeni a Awurade agyaa no da, anaasɛ ne mma resrɛ aduan. 26 Bere biara ɔma kwa, na ɔfɛm afoforo; na ne mma yɛ nhyira.

27 Twe wo ho fi bɔne ho na yɛ papa na w’asefo bɛtena asase no so daa daa. 28 Efisɛ, Awurade pɛ nea ɛteɛ, na onnyaw ne nkurɔfo a wogye no di. Ɔbɔ wɔn ho ban daa nyinaa. Nanso ɔbɛpam nnebɔneyɛfo asefo.

29 Atreneefo benya asase no na wɔatena so daa nyinaa. 30 Ɔtreneeni nsɛm mu wɔ aba, na daa ɔyɛ pɛ. 31 Ɔde ne Nyankopɔn mmara sie ne koma mu a ommu so.

32 Ɔdebɔneyɛfo dɛɛdɛɛ ɔtreneeni hwehwɛ sɛ okum no, 33 nanso, Awurade nnyaa no mma ne tamfo tumi, anaa ɔmma wommu no fɔ wɔ asennii.

34 Ma w’ani nna Awurade so na di ne mmara so; ɔde asase no bɛma wo de ahyɛ wo anuonyam, na wubehu sɛ wɔbɛpam ɔdebɔneyɛfo no. 35 Bere bi na minim ɔdebɔneyɛfo bi a na ɔtane nnipa ani. Ɔkorɔn sen obiara te sɛ Lebanon sida. 36 Akyiri yi, mefaa hɔ nanso manhu no. Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no. 37 Hwɛ sɛnea onipa pa no brɛ n’ani ase hwɛ ɔtreneeni no. Ɔsomdwoeni wɔ asefo, 38 nanso nnebɔneyɛfo de, wɔsɛe wɔn koraa na wɔpopa wɔn asefo.

39 Awurade gye atreneefo nkwa na ɔbɔ wɔn ho ban fi amane mu. 40 Ɔboa wɔn, gye wɔn; ogye wɔn fi nnebɔneyɛfo nsam efisɛ, wɔde no yɛ wɔn guankɔbea.