Add parallel Print Page Options

Awurade, yɛn Guanhwɛfo

23 Awurade ne me hwɛfo, hwee renhia me. Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea. Ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho. Odwudwo me kra. Ɔde me fa akwantrenee so, ne din nti.

Sɛ menam owu sum kabii mu mpo a, minsuro, Awurade, efisɛ, wo ne me na ɛwɔ hɔ. W’abaa ne wo poma na ɛkyerɛ me kwan.

Wotow me pon m’atamfo anim. Wode ngo fɔw me tirim. Me kuruwa yɛ ma bu so.

Yiye ne adɔe nko na ebedi m’akyi me nkwa nna nyinaa; na mɛtena Awurade fi daa.