Add parallel Print Page Options

Ɔhene a Onyankopɔn ayi no

Adɛn nti na amanaman hyehyɛ adɔnyɛ ho? Adɛn nti na nnipa bɔ pɔw a ɛho nhia? Wɔn ahemfo asɔre, wɔn sodifo ka bom bɔ pɔw tia Awurade ne ɔhene a wɔayi no no. Wɔka se, “Momma yɛntwe yɛn ho mfi wɔn mmara ne wɔn tumi ase.”

Nanso Awurade te n’ahengua so serew, di wɔn nhyehyɛe hunu no ho fɛw. Ɔbɔ wɔn kɔkɔ abufuw so, yi wɔn hu abufuhyew mu.

Ɔka se, “Masi me hene wɔ Sion bepɔw kronkron no so.”

Nea wasi no hene no bua se, “Mɛka asɛm a Awurade apae mu aka no. Ɔka kyerɛɛ me se, ‘Woyɛ me babarima; ɛnnɛ mayɛ w’agya. Bisa me na mede wiase aman nyinaa bɛhyɛ wo nsa; asase nyinaa bɛyɛ wo dea. Wode dade poma bedi wɔn so, na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo nhina.’“

10 Mo ahene, muntie saa kɔkɔbɔ yi. Mo a mudi aman so wɔ wiase, munsua sɛ: 11 Mobɛsom Awurade osuro mu. 12 Momma mo ho mpopo na monkotow no. Sɛ anyɛ saa a, ne bo befuw na moawu prɛko pɛ. Nhyira nka wɔn a woguan kɔtoa no.