Add parallel Print Page Options

Biribiara nkamfo Onyankopɔn

148 Kamfo Awurade! Mo a mote ɔsorosoro, monkamfo Awurade mfi soro! N’abɔfo ne ne soro asafodɔm nyinaa, monkamfo Awurade. Kamfo no, owia ne ɔsram; kamfo no, nsoromma a mohyerɛn. Kamfo no, ɔsorosoro ne nsu a ɛboro wim so.

Momma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din. Ɔkasae na wɔbɔɔ wɔn; ɔkasae na wɔde wɔn tuatuaa nea wɔwɔ hɔ yi afebɔɔ na wɔrentumi mmu so.

Kamfo Awurade fi asase so, nsuboa ne po ase pɛɛ, anyinam ne asukɔtweaa, sukyerɛmma ne omununkum, mframa a ano yɛ den a mutie ne nne nyinaa. Kamfo no, nkoko ne mmepɔw, nnua a ɛsow aba ne kwae, 10 mmoa nyinaa, wɔn a wodwo ne wɔn a wɔkeka, wɔn a wɔwea fam ne nnomaa. 11 Kamfo no, ahene ne nnipa, ahenemmabarima ne wɔn a wodi ahene nyinaa, 12 mmeawa ne mmerante, mmasiriwa ne mmofra nso. 13 Ma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din! Ne din so sen edin biara; n’anuonyam korɔn sen asase ne soro. 14 Ɔmaa ne man ahoɔden enti ne mamfo nyinaa kamfo no; nnipa a wɔwɔ Israel a ɔpɛ wɔn asɛm no.

Kamfo Awurade!