Add parallel Print Page Options

Ayeyi dwom

145 Mɛpae mu maka wo kɛseyɛ, me Nyankopɔn ne me hene; mɛda wo ase daa nyinaa. Da biara, mɛda wo ase; mɛkamfo wo daa nyinaa.

Awurade yɛ kɛse na ɛsɛ sɛ wɔkamfo no. Ne kɛseyɛ boro adwene so. Wɔbɛkamfo nea woayɛ fi nkyirimma so kosi nkyirimma so; wɔbɛka wo nnwuma akɛse no. Wɔbɛka w’anuonyam ne wo tumi ho asɛm, na medwen w’anwonwadwuma no ho. Nnipa bɛka wo nnwuma akɛse ho asɛm; na mɛda wo kɛseyɛ adi. Wɔbɛka wo papayɛ ho asɛm; na wɔato w’ayamye nso ho dwom.

Awurade yɛ ɔdɔ ne mmɔborɔhunufo; ne bo kyɛ fuw na n’adɔe dɔɔso. Oye ma obiara na ɔwɔ ahummɔbɔ ma n’abɔde. 10 Awurade, w’abɔde nyinaa bɛkamfo wo; na wo nkurɔfo nyinaa bɛda wo ase. 11 Wɔbɛka anuonyam a ɛwɔ w’adehye tumi no ho asɛm na wɔaka wo tumi no ho asɛm nso, 12 sɛnea ɛbɛyɛ a obiara behu wo nnwuma akɛse no ne w’ahemman a, anuonyam ne tumi wɔ mu no. 13 W’ahenni to rentwa da, na woyɛ ɔhene daa daa. Awurade hyɛ bɔ a, odi so, na biribiara a ɔyɛ, yɛ pɛ.

14 Ɔboa wɔn a wɔwɔ ɔhaw mu. Ɔpagyaw wɔn a wɔahwe ase. 15 Ani nyinaa hwɛ wo kwan na woma wɔn aduan wɔ ne bere mu. 16 Woma wɔn dodow, na nea ehia obiara no, wode ma no.

17 Awurade yɛ trenee wɔ nea ɔyɛ biara mu; ohu mmɔbɔ wɔ ne nneyɛe mu. 18 Ɔbɛn wɔn a wɔfrɛ no no, wɔn a wɔfrɛ no nokware mu no. 19 Wɔn a wodii no ni no, ɔma wɔn nea ehia wɔn; otie wɔn sufrɛ gye wɔn. 20 Ɔbɔ obiara a ɔdɔ no no ho ban na ɔbɛsɛe amumɔyɛfo.

21 Mɛkamfo Awurade daa; ma abɔde nyinaa nkamfo ne din kronkron no daa daa.