Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn bɔ ne nkurɔfo ho ban

124 Sɛ Awurade nni yɛn afa a, anka yɛbɛyɛ dɛn? Bua, O Israel! “Sɛ Awurade nni yɛn afa na yɛn atamfo baa yɛn so no a, anka wɔn abufuhyew a etia yɛn no, wɔbɛmene yɛn anikann; na anka nsuyiri no bɛtwe yɛn akɔ na nsu no akata yɛn so ama ɔhweam a ano yɛ den no afa yɛn.”

Momma yɛnna Awurade a wamma yɛn atamfo ho kwan amma wɔansɛe yɛn no ase. Yɛaguan te sɛ anomaa a wafi ɔbɔmmɔfo afiri mu afi. Afiri no abubu ama yɛanya kwan afi mu.

Yɛn mmoa fi Awurade a ɔbɔɔ soro ne asase no nkyɛn.