Add parallel Print Page Options

Mmɔborɔhunu mpaebɔ

123 Awurade, wo na mehwɛ wo, ɛne ɔsoro a wudi so hene no. Sɛnea akoa dan ne wura no, saa ara na afenaa dan n’awuraa; enti yɛbɛkɔ so ahwɛ wo, O Awurade, yɛn Nyankopɔn, kosi sɛ wubehu yɛn mmɔbɔ.

Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, hu yɛn mmɔbɔ; wɔagu yɛn anim ase ama aboro so. Adefo adi yɛn ho fɛw akyɛ dodo, na ahantanfo nso ahyɛ yɛn so akyɛ.