Add parallel Print Page Options

Yerusalem nkamfo

122 Wɔka kyerɛɛ me se, “Ma yɛnkɔ Awurade fi” no, m’ani gyei. Afei yegyina Yerusalem apon mu wɔ ha. Yerusalem yɛ kurow a ɛyɛ fɛ na asomdwoe wɔ mu. Ɛha na mmusuakuw no fi, Israel mmusuakuw no a, wɔrebɛda Awurade ase sɛnea n’ahyɛde no te no. Israelhene tena ase bu ne nkurɔfo atɛn.

Bɔ asomdwoe mpae ma Yerusalem se, “Ma wɔn a wɔdɔ wo no nkɔso. Ma asomdwoe mmra wo man mu na banbɔ mmra w’ahemfi.” M’abusuafo ne me nnamfo nti, meka kyerɛ Yerusalem se, “Asomdwoe nka wo!” Yɛn Awurade Nyankopɔn nti, mebɔ mpae srɛ nkɔso ma wo.