Add parallel Print Page Options

Awaregyae

19 Yesu wiee n’asɛnka no, ɔkɔɔ Galilea. Ofi Galilea no, otwaa asubɔnten Yordan baa Yudea. Nnipadɔm tu dii n’akyi ma ɔsaa wɔn yare. Farisifo bi ba bebisaa no nsɛm bi, pɛe sɛ wɔnam wɔn nsɛmmisa no so ma ɔka asɛm bi a, ɛde no bɛkɔ sɔhwɛ mu. Wobisaa no se, “Wopene awaregyae so anaa?”

Yesu nso bisaa wɔn se, “Gyama monkenkan Kyerɛw Kronkron no? Wɔakyerɛw wɔ mu se, ‘Mfitiase no, Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea. Eyi nti na ɔbarima begyaw n’agya ne ne na hɔ de ne ho akɔbata ne yere ho daa nyinaa. Na wɔn baanu no abɛyɛ ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn aka abom no, ɛnsɛ sɛ onipa tetew mu’.”

Farisifo no kɔɔ so bisaa no se, “Adɛn nti na Mose kae se, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ogyaa ne yere a, otumi kyerɛw no krataa kɛkɛ de gyaa no?”

Yesu buaa wɔn se, “Esiane sɛ na mo koma apirim no nti, na Mose maa awaregyae ho kwan, na ɛnyɛ ade a Onyankopɔn hyehyɛe. Na mereka akyerɛ mo se, obiara a obegyaa ne yere, a ɛnyɛ sɛ, ɔbea no abɔ aguaman, na ɔbɛsan aware ɔbea foforo no, asɛe aware.”

10 Yesu asuafo no kae se, “Sɛ saa na ɛte de a, na ɛnsɛ sɛ obiara ware.”

11 Yesu buaa wɔn se, “Ɛnyɛ obiara na obetumi agye saa asɛm yi atom, gye wɔn a Onyankopɔn hyɛ wɔn den no nko ara. 12 Wɔwoo binom sɛ wommedi sigyaw; ebinom nso, esiane dɛm nti, wɔnware; ebinom nso, esiane ɔsoro ahenni no nti, wɔpo aware. Obiara a obetumi no, nni m’asɛm a maka yi so.”

Yesu hyira mmofra nkumaa

13 Wɔde mmofra nkumaa brɛɛ Yesu sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so, na ɔmmɔ mpae mma wɔn. Nanso asuafo no tramtram wɔn a wɔde mmofra no bae no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monnhaw Yesu.”

14 Nanso Yesu kae se, “Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, na eyinom sɛɛ na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.” 15 Na ɔde ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn ansa na ɔrefi hɔ akɔ.

Aberante sikani no

16 Da bi, aberante bi baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Me wura pa, dɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awiei?”

17 Yesu buaa no se, “Sɛ wofrɛ me ɔpapa a, na ɛkyerɛ sɛ wofrɛ me Onyankopɔn, efisɛ, Onyankopɔn nko ara na oye. W’asɛmmisa no ho mmuae ara ne sɛ, sɛ wopɛ sɛ wokɔ soro de a, di mmaransɛm no so.”

18 Aberante no nso bisaa no se, “Mmaransɛm no mu nea ɛwɔ he?” Yesu buaa no se, “Nni awu. Nsɛe aware. Mmɔ korɔn. Nni atoro. 19 Di w’agya ne wo na ni, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!”

20 Aberante no nso kae se, “Midi eyinom nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Afei, menyɛ dɛn?”

21 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wopɛ sɛ wuwie pɛyɛ a, kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika a wubenya afi mu no ma ahiafo. Ɛno ansa na wubenya agyapade wɔ soro. Wuwie eyi a, afei bra na bedi m’akyi.”

22 Esiane sɛ na saa aberante yi wɔ ahonyade bebree nti, ɔtee saa asɛm yi no, anyɛ no dɛ ma ɔde awerɛhow fii hɔ kɔe.

23 Afei, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no se, “Ɛyɛ den ma osikani sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni no mu. 24 Meka miti mu bio se, ɛyɛ mmerɛw sɛ nantwi bewura pane aniwa mu sen sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu!”

25 Asuafo no tee saa asɛm yi no, wɔn adwenem yɛɛ wɔn nnaa. Wobisae se, “Na ɛnne hena na wiase ha wobegye no nkwa?”

26 Yesu hwɛɛ wɔn buae se, “Onipa fam de, ɛyɛ den; na Onyankopɔn fam de, ɛyɛ mmerɛw.”

Ahopakyi

27 Petro nso kae se, “Yɛagyaw biribiara hɔ abedi w’akyi: na dɛn mfaso na yebenya afi w’akyidi no mu?”

28 Yesu buae se, “Me, Agyenkwa no, sɛ metena m’anuonyam ahengua no so a, nokwarem, mo m’asuafo yi nso, bɛtena ahengua dumien no so, na moabu Israel mmusuakuw dumien no atɛn. 29 Na obiara a obegyaw ne fi, ne nuammarimanom ne nuammeanom, n’agya, ne na, ne yere, ne mma, anaa n’agyapade abedi m’akyi no, obenya no mmɔho ɔha, na wanya nkwa a enni awiei nso. 30 Na wɔn a wodi kan no mu pii bedi akyiri, na wɔn a wodi akyiri no nso mu bi abedi kan.”