Add parallel Print Page Options

Farisifo ne Sadukifo pɛ nsɛnkyerɛnne

16 Da koro bi, Farisifo ne Sadukifo baa Yesu nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛe, wɔ ɔfrɛ a ɔfrɛ ne ho se Onyankopɔn Ba no ho. Wɔka kyerɛɛ no se, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne bi a efi soro nkyerɛ wɔn.

Yesu buaa wɔn se, “Munim wim nsakrae ho nkyerɛase. Sɛ owia rekɔtɔ, na wim yɛ kɔkɔɔ a, moka se, ɔkyena wim bɛtew. Sɛ edu anɔpa na wim yɛ kɔkɔɔ a, moka se, wim rentew da mu no nyinaa. Nanso, muntumi nkyerɛ mmere mu nsɛnkyerɛnne no ase. Saa ɔman nnebɔneyɛfo a wonnye hwee nni yi hwehwɛ sɛ wobehu ɔsoro nsɛnkyerɛnne bi, nanso wɔrenhu nsɛkyerɛnne foforo biara ka anwonwade a woyi kyerɛɛ Yona no ho.” Yesu kaa saa wiei no, ogyaw wɔn hɔ kɔe.

Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw

Asuafo no twa kɔɔ asuogya nohɔ no, wɔkaee sɛ anka ɛsɛ sɛ wɔfa aduan.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ mo ho so yiye wɔ Farisifo ne Sadukifo nyaatwom a ɛte sɛ mmɔkaw no ho.”

Asuafo no susuwii sɛ gyama wonkita aduan biara no nti na Yesu kaa saa.

Yesu huu nea wodwinnwen no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo a mo gyidi sua. Adɛn na ɛhaw mo sɛ moamfa aduan? Enti morente ase da? Mo werɛ afi abodoo anum a mibubuu mu maa nnipa mpemnum ne ase mporoporowa nkɛntɛmma a ɛkae no? 10 Mo werɛ asan afi abodoo ason a mede maa nnipa mpemnan ne nea ɛkae no? 11 Adɛn nti na mudwen sɛ aduan ho asɛm na mereka akyerɛ mo? Meresan aka bio se, ‘Monhwɛ mo ho so yiye wɔ Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho!”

12 Afei asuafo no tee nea ɔkae no ase sɛ, Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho asɛm a ɔreka akyerɛ wɔn no yɛ Farisifo ne Sadukifo nkyerɛkyerɛ bɔne bi no ho asɛm na ɔreka.

Petro kyerɛ onipa ko a Yesu yɛ

13 Bere a Yesu baa Kaesarea Filipi fam no, obisaa n’asuafo no se, “Nnipa ka se, Onipa Ba no ne hena?”

14 Wobuaa no se, “Ebinom se, wone Yohane Osuboni. Ebinom nso se, Elia. Afoforo nso se, wone Yeremia anaa adiyifo no mu baako.”

15 Afei Yesu bisaa wɔn se, “Na mo nso, muse mene hena?”

16 Simon Petro buaa no se, “Wone Kristo no, Onyankopɔn Teasefo no Ba no!”

17 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Onyankopɔn ahyira wo, Yona ba Simon. Efisɛ, ɛnyɛ onipa na oyii eyi kyerɛɛ wo na mmom, m’agya a ɔwɔ soro no. 18 Wone Petro, Ɔbotan, na ɔbotan yi so na mede m’asafo besi, na tumi a ɛwɔ ɔbonsam gyam no rentumi mmubu no da. 19 Mede ɔsoro ahenni no nsafe bɛma wo, na ɔpon biara a wobɛto mu asase so no, wɔbɛto mu wɔ soro! Na ɔpon biara a wubebue wɔ asase so no, wobebue wɔ soro!”

20 Afei, Yesu bɔɔ n’asuafo no ano sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara sɛ ɔno ne Agyenkwa no.

Yesu hyɛ ne wu ne ne wusɔre ho nkɔm

21 Efi saa bere no, Yesu fitii ase kaa ɔkɔ a ɔbɛkɔ Yerusalem, ne amane a ɛbɛto no wɔ hɔ wɔ Yudafo mpanyin, asɔfo mpanyin ne mmara no akyerɛkyerɛfo no nsam, na wɔakum no, na nnansa so no, wanyan no ho asɛm pefee kyerɛɛ n’asuafo no.

22 Petro frɛɛ Yesu kɔɔ nkyɛn na ɔkaa n’anim se, “Adɛn nti na woka asɛm a ɛte saa? Onyame mpa ngu! Nea woreka yi remma wo so da!”

23 Yesu danee ne ho kaa Petro anim se, “Ɔbonsam, fi me so! Woyɛ me hintidua kɛse. Wudwen nnipa adwene na ɛnyɛ Onyankopɔn de.”

Ahopakyi

24 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no se, “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma n’asennua so, na onni m’akyi. 25 Na obiara a ɔpɛ sɛ ogye ne kra nkwa no, ebefi ne nsa, na obiara a me nti ne kra befi ne nsa no, ne nsa bɛsan aka. 26 Na sɛ onipa nya wiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya? Dɛn na onipa betumi de asi ne kra ananmu? 27 Na me, Onipa Ba no, mɛba wɔ m’agya anuonyam mu a m’abɔfo ka me ho na mabebu obiara nneyɛe ho atɛn. 28 Mo a mugyina ha yi mu binom wɔ hɔ a wɔbɛtena ase ahu me sɛ mereba anuonyam mu.”