Add parallel Print Page Options

Yohane Osuboni ahoyeraw

11 Yesu wiee n’asuafo dumien no kasakyerɛ no, ofii hɔ kɔɔ nkurow a ɛbemmɛn no mu kɔkyerɛkyerɛɛ asɛm no.

Yohane Osuboni a na saa bere no ɔda afiase no tee anwonwade a Yesu reyɛ no, ɔsomaa n’asuafo bebisaa no se, “Wone nea ɔreba no, anaa yɛnhwɛ ɔfoforo anim?”

Yesu buaa wɔn se, “Monsan nkɔ nkɔka anwonwade a moahu ne nea moate nkyerɛ Yohane se, ‘Mema anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, asotifo te asɛm, na awufo nso nyan. Afei monka nkyerɛ no se, meka asɛmpa no kyerɛ ahiafo. Monsan nka nkyerɛ no bio se, ‘Nhyira ne wɔn a wogye me di.’ “

Yohane asuafo no kɔe no, Yesu fitii ase kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm no. Obisaa wɔn se, “Mokɔɔ sare so no, dɛn na mokɔe sɛ morekɔhwɛ? Sare a mframa rebɔ? Anaa na mususuw sɛ mubehu ɔbarima bi a wahyehyɛ sɛ ɔhene ba te ahemfi? Anaa Onyankopɔn odiyifo? Ɛnne, mereka makyerɛ mo se, ɔsen odiyifo. 10 Na Yohane ne onipa a wɔkaa ne ho asɛm se, ‘Mɛsoma me bɔfo adi w’anim, na ɔno na obesiesie w’anim kwan.’

11 “Nokware ni, nnipa nyinaa mu, obiara nni hɔ a wagye din sɛ Yohane Osuboni. Nanso, nea ɔyɛ aketewa koraa wɔ ɔsoro ahenni mu no yɛ ɔkɛse sen no! 12 Na efi bere a Yohane Osuboni fii ase kaa asɛmpa no, bɔɔ nkurɔfo asu de besi nnɛ no, nnipa bebree a wɔaso asɛm no mu dennen no repere akɔ ɔsoro ahenni no mu. 13 Ansa na Yohane rebɛba no, na adiyifo ne Mose mmara no aka ɔsoro ahenni no ho asɛm dedaw. 14 Sɛ mopɛ sɛ mote nea mereka no ase de a, Yohane no, ɔno ne Elia a adiyifo no hyɛɛ ne ho nkɔm sɛ ɔbɛba no. 15 Nea ɔwɔ aso no, ontie!

16 “Dɛn ho na metumi de nnɛɛmmafo yi atoto? Wɔte sɛ mmofra a wɔte baabi redi agoru. Ɛfa ka kyerɛ ɛfa se, 17 ‘Yɛtoo anigye nnwom maa mo, nso moansaw. Yɛtoo awerɛhow nnwom nso maa mo, nanso moansu.’ 18 Yohane bae a onnidi na ɔnnom nsa no, wose, ɔwɔ honhommɔne. 19 Onipa Ba no bae a odidi na ɔnom no nso, wose, ‘Monhwɛ odidifo ne ɔsanomfo a ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo fa nnamfo.” Nanso nea efi Onyankopɔn nyansa mu ba no, ma nokware da adi.”

Korasin, Betsaida ne Kapernaum, munnue!

20 Afei ofitii ase kaa nkurow a ɔyɛɛ anwonwade ahorow wɔ hɔ nanso wɔansakra wɔn adwene no anim se,

21 “Korasin, due! Betsaida, due! Anwonwade a meyɛe wɔ mo mu no, sɛ meyɛɛ wɔ Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfo no de awerɛhow ne ahonu asakra wɔn adwene dedaw. 22 Atemmu da no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsen nea ɛbɛto Tiro ne Sidon! 23 Na wo, Kapernaum, wopɛ sɛ woma wo ho so, nanso wɔbɛbrɛ wo ase de wo akɔ amanehunu kurom. Anwonwade a meyɛe wɔ wo hɔ no, sɛ wɔyɛe wɔ Sodom a, anka ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ. 24 Mereka nokware akyerɛ mo se, atemmu da no, Tiro ne Sidon benya gyinabea pa asen mo!”

Agya no ayeyi

25 Asɛnka no akyi Yesu bɔɔ mpae se, “Agya, ɔsoro ne asase wura, meda wo ase sɛ woanna nokware no adi ankyerɛ wɔn a wosusuw sɛ wɔyɛ anyansafo, na mmom wodaa no adi kyerɛɛ mmofra nkumaa. 26 Nanso, Agya, wo pɛ mu na woma ɛbaa saa.

27 “M’agya no de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa. Agya no nim Ɔba no nko ara. Ɔba no nso nim Agya no. Wɔn a Ɔba no aka Agya no ho asɛm akyerɛ wɔn no nso nim Agya no. 28 Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome. 29 Muntie me nkyerɛkyerɛ na munsua nea mekyerɛ mo no nso, efisɛ, midwo, na mebrɛ me ho ase. Na mubenya home ama mo kra. 30 Efisɛ, nkyerɛkyerɛ a mɛkyerɛkyerɛ mo no sua yɛ mmerɛw, na dwuma a mɛma mo adi no nso nyɛ den.”