Add parallel Print Page Options

Yesu gyina Pilato anim

15 Ade kyee anɔpatutuutu no, asɔfo mpanyin, Yudafo mpanyin, mmara no akyerɛkyerɛfo ne agyinatufo hyia, dwennwenee ɔkwan a wɔde Yesu bɛfa so ho. Wɔn nyinaa adwene hyiae sɛ wɔbɛma asraafo de atuo awɛn Yesu de no akɔ Roma Amrado Pilato anim.

Wɔde no duu hɔ no, Pilato bisaa no se, “Wone Yudafo hene no anaa?” Yesu buae se, “Mo na muse.”

Ɛhɔ ara, asɔfo mpanyin no kaa nsɛm akɛseakɛse guu ne so, nanso wanka hwee. Pilato bisaa no se, “Enti, nsɛm akɛseakɛse a wɔreka gu wo so yi, wonka ho hwee?” Nanso, Yesu anka hwee ma ɛyɛɛ Pilato nwonwa.

Na ɛyɛ Pilato amanne sɛ, afe biara Twam Afahyɛ no mu, ogyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wogyaa no ma wɔn. Saa afe no mu, na onipa bi a wɔfrɛ no Baraba no ka nnipa bi a, wɔsɔre tiaa aban nam so dii awu no ho wɔ afiase hɔ. Dɔm no kɔɔ Pilato so kɔka kyerɛɛ no se, onyi odeduani baako mma wɔn sɛnea daa ɔyɛ no. Pilato bisae se, “Minyi ‘Yudafo Hene’ no mma mo anaa?” 10 Efisɛ, na wahu sɛ asɔfo mpanyin no de ɔtan na atwa asɛm ato Yesu so esiane din a na wagye no nti.

11 Nanso asɔfo mpanyin no tuu dɔm no aso se, sɛ wɔde beyi Yesu de, wɔmpere ma wonyi Baraba.

12 Enti Pilato bisaa wɔn se, “Na sɛ miyi Baraba ma mo a, dɛn na menyɛ saa ɔbarima yi a mofrɛ no mo hene no.”

13 Wɔteɛteɛɛm se, “Bɔ no asɛnnuam!”

14 Pilato bisaa wɔn bio se, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?” Wɔn nyinaa bɔ gyee so se, “Bɔ no asɛnnuam!”

15 Afei, Pilato hui sɛ ɔyɛ asɛm no hwee a, ɛrenyɛ ye. Afei, na osuro nso sɛ, sɛ anhwɛ a basabasayɛ bɛba nti, ogyaa Baraba maa wɔn. Ɔma wɔbɔɔ Yesu mmaa, na ɛno akyi no, ɔde no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnuam.

Yesu ho fɛwdi

16 Asraafo no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, ɛnna wɔfrɛɛ asraafo no nyinaa baa hɔ. 17 Wɔhyɛɛ no batakari kɔkɔɔ bi, de nsɔe atenten bi nwenee kyɛw hyɛɛ no. 18 Wofitii ase bɔ gyee so dii ne ho fɛw se, “Yudafo hene, wo nkwa so!” 19 Wɔde abaa paa ne mpampam, tetew ntasu guu ne so, buu no nkotodwe, de dii ne ho fɛw.

20 Wodii ne ho fɛw wiei no, wɔworɔw batakari kɔkɔɔ no, ɛnna wɔde ɔno ara n’atade hyɛɛ no,de no kɔe sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnuam.

Wɔbɔ Yesu asɛnnuam

21 Wɔrekɔ no, wohyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ofi Kirene a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo wɔn agya wɔ ɔkwan so. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no bi.

22 Wɔde Yesu baa baabi a wɔfrɛ hɔ se Golgota a n’asekyerɛ ne ‘Nitiri so’ hɔ. 23 Ɛhɔ na wɔmaa no nsa nwenenwene bi sɛ ɔnnom, nanso, wannom. 24 Afei, wɔbɔɔ no asɛnnuam. Eyi akyi, wɔbɔɔ n’atade no so ntonto.

25 Ɛbɛyɛ anɔpa nnɔnkron na wɔbɔɔ no asɛnnuam.

26 Asɛm bi a wɔka too no so na wɔkyerɛw taree n’asɛnnua no atifi ka se, “YUDAFO HENE.”

27 Da no ara anɔpa, wɔbɔɔ awudifo baanu bi asennuam kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so, ɛnna ɔbaako nso sɛn ne benkum so. 28 Eyi maa nea Kyerɛwsɛm no kae se, “Wɔkan no fraa nnebɔneyɛfo mu” no baa mu.

29 Nnipa a wɔsen faa hɔ no nyinaa wosowosow wɔn ti, dii ne ho fɛw se, “Ei wo ni? Ɛnyɛ wo na wuse, sɛ wubetumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no? 30 Sɛ wuse wo ho yɛ nwonwa a, ɛnne sian fi asɛnnua no so si fam.” 31 Saa bere no na asɔfo mpanyin ne mmara no akyerɛkyerɛfo no nso atwa ahyia hɔ redi Yesu ho fɛw. Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛw se, “Ogye afoforo nanso ontumi nnye ne ho!”

32 Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛw bio se, “Agyenkwa! Yudafo hene! Sian fi asɛnnua no so si fam, na yennye wo nni!” Awudifo a wɔbɔɔ wɔne Yesu asennuam no mpo dii ne ho fɛw bi.

Yesu wu

33 Efi owigyinae kɔpem nnɔn abiɛsa no, sum duruu asase no so nyinaa.

34 Yesu de nne kɛse teɛɛm se, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase ne sɛ, “Me Nyankopɔn, Me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?”

35 Wɔn a wogyina hɔ no bi a wɔtee nea ɔkae no kae se, “Muntie sɛ ɔrefrɛ Elia.” 36 Wɔn mu baako tuu mmirika, kɔfaa sapɔw bi, de bɔɔ nsa nwenenwene bi mu, de tuaa dua bi ano, de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom. Ɔkae se, “Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abeyi no asi fam anaa!”

37 Afei Yesu de nne kɛse teɛɛm bio, na ogyaa ne honhom mu wui.

38 Ɛhɔ ara, ntama a etwa asɔredan no mu no mu suanee abien fi soro kosii fam.

39 Roma asraafo panyin a na ogyina hɔ no huu ɔkwan a Yesu faa so wui no, ɔde ahodwiriw kae se, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba!”

40 Saa bere no, na mmea bi gyinagyina akyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so. Mmea no bi ne Maria Magdalene, Maria a ɔyɛ Yakobo kumaa ne Yose wɔn na ne Salome. 41 Bere a na Yesu wɔ Galilea no, saa mmea yi dii n’akyi som no. Saa ara nso na na nnipa bi a wodii n’akyi baa Yerusalem no bi nso wɔ hɔ.

Yesu sie

42 Eduu anwummere no, esiane sɛ na ade kye a ɛyɛ Homeda no nti, 43 ɔbaguani nuonyamfo bi a, wɔfrɛ no Yosef a ofi Arimatia a, na ɔretwɛn bere a Onyankopɔn Ahenni no bɛba no de akokoduru kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛɛ no sɛ, ɔmfa Yesu amu no mma no.

44 Bere a Pilato tee sɛ Yesu awu no, wannye anni, enti ɔfrɛɛ Roma asraafo panyin a na ɔhwɛ hɔ no bisaa no. 45 Asraafo panyin no kae sɛ wawu no, Pilato maa Yosef ho kwan sɛ ɔnkɔfa amu no.

46 Yosef kɔtɔɔ nwera, yii Yesu amu no fii asɛnnua no so, de nwera no kyekyeree no. ɔde no kɔtoo ɔboda bi a wɔatwa mu, pirew ɔbo kɛse bi hinii ano.

47 Na Maria Magdalene ne Yose ne na Maria wɔ hɔ bi, na wohuu faako a wɔde Yesu amu no toe hɔ.