Add parallel Print Page Options

Ɔbonsam sɔ Yesu hwɛ

Afei Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no fii Asubɔnten Yordan ho maa Honhom no de no kɔɔ Yudea sare so. Ɛhɔ na ɔbonsam kɔsɔɔ no hwɛe adaduanan. Saa nna no mu no, wanni hwee. Na ɔkɔm dee no.

Ɔbonsam ka kyerɛɛ Yesu se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa abo yi nnan aduan.”

Yesu buaa no se, wɔakyerɛw se, “Ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa wɔ n’asetena mu.”

Ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔw bi so kyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa bere tiaa bi mu. Na ɔka kyerɛɛ Yesu se, “Sɛ wobɛkotow, asom me a, mede ahenni ahorow yi ne mu tumi ne anuonyam nyinaa a wɔde ahyɛ me nsa yi bɛma wo.”

Yesu buaa no se, “Wɔakyerɛw se, som Awurade wo Nyankopɔn na ɔno nko ara na som no.”

Afei ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kogyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ na ɔka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no ampa ara a, gyaa wo ho fi nea wugyina hɔ to fam! 10 Efisɛ wɔakyerɛw se, Onyankopɔn bɛsoma n’abɔfo abɛbɔ wo ho ban 11 na wɔabɛsɔw wo na woammɛhwe abotan no so.”

12 Yesu buaa no se, wɔakyerɛw se, “Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ.”

13 Ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa no, ogyaw no hɔ kɔe ansa.

Yesu asɛnka mfitiase

14 Yesu san baa Galilea a na Honhom Kronkron ahyɛ no ma. Ankyɛ koraa ne din trɛwee ɔman no mu nyinaa. 15 Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ wɔn hyiadan mu maa obiara kamfoo no.

Wɔpo Yesu wɔ Nasaret

16 Yesu baa Nasaret, kurow a ne mmofraase wɔtetew no wɔ mu no mu. Na sɛnea ɔtaa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu homeda. Ɔsɔre kɔɔ anim sɛ ɔrekɔkenkan kyerɛwsɛm. 17 Wɔde odiyifo Yesaia nhoma hyɛɛ ne nsa na obuee baabi a wɔakyerɛw se: 18 “Awurade Honhom wɔ me so, na wɔayi me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo. Na menka nkyerɛ wɔn a wɔwɔ nnomum mu se, wobenya ahofadi, anifuraefo behu ade; wɔn a wobu wɔn animtiaa benya anuonyam, 19 na Onyankopɔn asiesie ne ho sɛ obehyira wɔn a wɔba ne nkyɛn nyinaa.”

20 Ɔtoo nhoma no mu de maa ɔhwɛfo no na ɔtenaa ase; na obiara a ɔwɔ hyiadan no mu hɔ no hwɛɛ no dinn. 21 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se; “Ɛnnɛ na kyerɛwsɛm no aba mu.”

22 Na kasa pa ne nsɛm ahorow a ɔkae no, yɛɛ wɔn a wɔtee nyinaa nwonwa ma wobisae se, “Ɛnyɛ Yosef ba no ni?”

23 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Akyinnye biara nni ho sɛ mode bɛ yi bebu me se, ‘Ɔyaresafo, sa wo ho yare. Nea yɛate afa wo ho sɛ woyɛe wɔ Kapernaum no, yɛ bi wɔ wo kurom ha.” 24 Nanso mereka ama moate ase sɛ, Odiyifo biara nni anuonyam wɔ ne kurom. 25 Nokware mu, Elia bere so no, na mmea akunafo bebree wɔ Israelman mu. Saa bere no osu antɔ mfe abiɛsa ne asram asia enti ɛmaa ɔkɔm kɛse baa ɔman no nyinaa mu. 26 Nanso Onyankopɔn ansoma odiyifo Elia ankɔ obiara nkyɛn sɛ ɔbea kunafo a na ɔwɔ Sarepta a ɛwɔ Sidon no nkyɛn. 27 Bio, saa bere no na akwatafo bebree wɔ Israelman mu nanso odiyifo Elisa ansa obiara yare sɛ ɔsahene Naaman a ofi Siriaman mu no nko ara.” 28 Nnipa a wɔwɔ hyiadan no mu tee ne nsɛm a ɔkae no, wɔn bo fuwii papaapa. 29 Wɔde abufuw piapiaa no fii kurow no mu de no kɔɔ bepɔw a wɔn kurow da so no ano sɛ wɔrekɔwɔ n’atiko ama wakɔhwe bepɔw no ase. 30 Nanso ɔfaa wɔn mu kɔɔ ne baabi.

Yesu tu hohommɔne

31 Yesu kɔɔ Kapernaum a ɛwɔ Galilea. Ɔkyerɛkyerɛɛ nnipa no homeda biara. 32 Ɛha nso ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ nkurɔfo no nwonwa efisɛ, ɔkasae wɔ tumi so.

33 Na ɔbarima bi wɔ hyiadan no mu hɔ a hohommɔne ahyɛ no ma. Ohuu Yesu no, ɔteɛɛm se, 34 “Yesu Nasaretni, mmɛhaw yɛn. Yɛne wo nni hwee yɛ. Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Minim onipa ko a woyɛ. Wone Onyankopɔn Ba Kronkronni no.”

35 Yesu hyɛɛ hohommɔne no sɛ, “Tu fi ne mu kɔ!” Hohommɔne no de ɔbarima no hwee fam na etu fii ne mu kɔe a hwee anyɛ no.

36 Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn, na wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Asɛm bɛn ni. Onipa bɛn ni a ɔde tumi ne ahoɔden teɛ ahohommɔne ma wotie yi?” 37 Nea ɔyɛɛ yi ho asɛm trɛwee ɔman no mu nyinaa.

Petro n’asebea ayaresa

38 Yesu fi hyiadan no mu no, ɔkɔɔ Simon fi kɔtoo sɛ atiridii abɔ Simon n’asebea. Nnipa a wɔwɔ hɔ no srɛɛ no sɛ ɔnsa no yare.

39 Ɔkɔɔ nea ɔda hɔ kogyinaa ne nkyɛn, teɛɛ ɔyare no ma egyaee amonom hɔ ara ma ɔsɔre maa wɔn aduan dii.

40 Onwini dwoe no, wɔde ayarefo pii bae sɛ Yesu nsa wɔn yare. Ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yare. 41 Ahohommɔne fii nnipa no pii mu fii a na wɔreteɛteɛm se, “Wone Onyankopɔn Ba no.” Nanso Yesu kaa wɔn anim hyɛɛ wɔn se wommua wɔn ano, efisɛ, na ahohommɔne no nim sɛ ɔno ne Kristo no.

Yesu asɛnka wɔ Yudea

42 Ade kyee no, Yesu tew ne ho kɔɔ sare so baabi a ɛhɔ yɛ dinn. Nkurɔfo no kyin hwehwɛɛ no na wohuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn wɔ Kapernaum hɔ. 43 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛsɛ sɛ meka Asɛmpa a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho no mekyerɛ afoforo nso, efisɛ, ɛno nti na wɔsomaa me.” 44 Yesu kyinkyinii Yudeaman no mu kɔɔ hyiadan ahorow mu kɔkyerɛkyerɛe.