Add parallel Print Page Options

Owusɔre

24 Kwasida anɔpahema, mmea no de nnuhuam ne ngo no kɔɔ ɔboda no so. Woduu hɔ no, wohui sɛ wɔapirew ɔbo a wɔde hinii ɔboda no ano no afi hɔ. Na wɔkɔɔ ɔboda no mu no, na Yesu amu no nna hɔ.

Wɔde ahodwiriw gyina hɔ no, amonom hɔ ara, mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a ani hyerɛn begyinagyinaa wɔn nkyɛn. Mmea yi koma tui na wɔkotokotow wɔn na mmarima no bisaa wɔn se, “Adɛn nti na morehwehwɛ ɔteasefo wɔ awufo mu? , Onni ha. Wasɔre! Monnkae asɛm a ɔka kyerɛɛ mo bere a na ɔwɔ Galilea no se, ‘Etwa sɛ wɔde Kristo no hyɛ nnebɔneyɛfo nsa na wɔbɔ no asɛnnua mu na ne nnansa so wasɔre bio no?‘“

Mmea no kaee asɛm no no, wɔde ahoɔhare fii ɔboda no so bɛkaa nea wohui no nyinaa kyerɛɛ asuafo dubaako no ne wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa. 10 Mmea a wɔkɔɔ ɔboda no so a wɔbɛkaa saa asɛm yi no ne Maria Magdalene ne Yohana ne Yakobo ne na Maria ne afoforo bi. 11 Wɔn nsɛm a wɔbɛkae no yɛɛ wɔn sɛ anansesɛm bi enti wɔannye anni.

12 Ɛwom sɛ nnipa no annye asɛm no anni de, nanso Petro de, otuu mmirika kɔɔ ɔboda no so, kotow hwɛɛ mu, hui sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu ho no gu hɔ. Ɔsan baa fie a na ɔnte nea ohui no ase.

Emaus kwan so

13 Da no ara asuafo no mu baanu siim sɛ wɔrekɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Emaus a efi Yerusalem rekɔ hɔ no bɛyɛ sɛ akwansin ason. 14 Wɔrekɔ no nyinaa na asɛm a asi no ho nkɔmmɔ ara na wɔredi. 15 Wogu so redi nkɔmmɔ na wɔregye wɔn ho akyinnye no, Yesu bɛkaa wɔn ho ne wɔn bɔɔ anan kɔe. 16 Wohui sɛ obi ka wɔn ho de, nanso wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ Yesu.

17 Obisaa wɔn se, “Nkɔmmɔ bɛn na moredi a mo werɛ ahow mo ho yi?” 18 Na wɔn mu baako a wɔfrɛ no Kleopa bisaa no se, “Wo nko ara ne ɔhɔho a wowɔ Yerusalem a wontee nsɛm a asisi hɔ nnansa yi no?”

19 Obisaa wɔn se, “Nsɛm bɛn?” Wobuaa no se, “Nsɛm a ɛfa Nasaretni Yesu a ɔyɛ odiyifo a ɔwɔ tumi wɔ nneyɛe ne ɔkasa mu wɔ Onyankopɔn ne nnipa nyinaa anim no ho, 20 ne sɛnea asɔfo mpanyin ne yɛn mpanyimfo kyeree no de no kɔɔ aban mu sɛ wommu no kumfɔ a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no ho. 21 Yɛn de, na yɛn ani da so sɛ ɔno na ɔrebegye Israel, na bio nnansa ni a saa asɛm yi sii. 22 Na mmea bi nso a wɔyɛ Yesu akyidifo sɛ yɛn ara ama yɛn ho adwiriw yɛn. Wotuaa nhema kɔɔ ɔboda no so, 23 nanso wɔanhu n’amu no. Wɔsan bɛka kyerɛɛ yɛn se, wɔahu ɔsoro abɔfo ma wɔaka akyerɛ wɔn se, Yesu te ase. 24 Yɛn mu binom tuu mmirika kɔhwɛe na ampa ara, na Yesu amu no nni hɔ sɛnea mmea no kae no ara pɛ.”

25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Adwenemuharefo a munni gyidi; ɛyɛ mo den sɛ mubegye nea adiyifo no aka no nyinaa adi. 26 Wɔanhyɛ ho nkɔm sɛ, ɛsɛ sɛ Kristo no behu amane ansa na wakɔ n’anuonyam mu anaa?” 27 Na ofii Mose ne adiyifo no so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho wɔ Kyerɛwsɛm no mu no nyinaa ase.

28 Woduu Emaus kurotia no, Yesu pɛe sɛ anka ɔtoa n’akwantu no so. 29 Nanso wɔsrɛɛ no, san no sɛ ɔnna wɔn nkyɛn, efisɛ, na ade reyɛ asa nti, ɔsanee ne wɔn kɔɔ fie. 30 Bere a wɔte adidii no, Yesu bɔɔ mpae, daa Onyankopɔn ase, faa abodoo bubuu mu de maa wɔn. 31 Amonom, wɔn ani so tetew wɔn maa afei wohui sɛ ɛyɛ Yesu. Ɛhɔ ara, otu yerae.

32 Na afei wosisesisee wɔn ho wɔn ho sɛnea Kyerɛwsɛm no mu nsɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn bere a na wɔnam kwan so no si fa kaa wɔn koma no.

33 Ntɛm ara, wɔsan wɔn akyi baa Yerusalem bɛtoo asuafo dubaako no ne wɔn a na wɔka wɔn ho no sɛ wɔahyia. 34 Woduu hɔ no, wɔbɔɔ wɔn amanneɛ se, “Ampa ara, Awurade asɔre afi awufo mu. Wayi ne ho adi akyerɛ Simon.”

35 Baanu a wofi Emaus bae no nso bɔɔ wɔn amanneɛ sɛnea Yesu bɛtoo wɔn Emaus kwan so na wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ ɔno kosii bere a obubuu abodoo mu de maa wɔn no ansa.

Yesu yi ne ho adi bio

36 Wogu so rebɔ amanneɛ no, prɛko pɛ, Yesu bepuee hɔ, kyiaa wɔn se, “Asomdwoe nka mo!” 37 Wɔn nyinaa bobɔɔ birim, suroe efisɛ, na wosusuw sɛ wɔahu ɔsaman.

38 Obisaa wɔn se, “Adɛn na mo koma atutu na munnye nni nso sɛ ɛyɛ me? 39 Monhwɛ me nsam ne me nan. Ɛyɛ me! Momfa mo nsa nka me nhwɛ; efisɛ, ɔsaman nni honam ne nnompe sɛnea muhu sɛ mewɔ bi yi.”

40 Ɔkasa wiei no, ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn. 41 Anigyetraso ne ahodwiriw nti, amma wɔannye anni sɛ ɛyɛ ɔno. Obisaa wɔn se, “Mowɔ biribi wɔ ha a mubedi anaa?”

42 Wɔmaa no apataa sin bi a wɔatoto 43 ma ogye wee wɔ wɔn anim hɔ ara.

44 Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Eyi ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo bere a na me ne mo wɔ hɔ no se, ɛsɛ sɛ biribiara a wɔakyerɛw afa me ho wɔ Mose Mmara ne Adiyifo nhoma ne Nnwom mu no ba mu.”

45 Afei obuee wɔn adwene mu ma wɔtee Kyerɛwsɛm a ɛfa ne ho no ase. 46 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Wɔakyerɛw se, ɛsɛ sɛ Kristo no hu amane na owu na ne nnansa so, wasɔre afi awufo mu. 47 Na wobefi ase wɔ Yerusalem de ne din akɔka adwensakra ne bɔnefafiri ho nsɛm akyerɛ amansan. 48 Mone eyinom nyinaa ho adansefo.

49 “Mɛsoma Honhom Kronkron no na waba mo so sɛnea m’agya hyɛɛ ho bɔ no. Na monnkɔ baabiara; montena ha nkosi sɛ Honhom Kronkron no de tumi a efi soro no bɛba abɛhyɛ mo ma.”

Yesu sorokɔ

50 Yesu ne asuafo no bɔɔ anan koduu Betania kurotia na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn. 51 Ogu so rehyira wɔn no wɔmaa no so kɔɔ soro. 52 Na wɔsɔree no de anigye san kɔɔ Yerusalem. 53 Na daa wɔwɔ asɔredan no mu hɔ yi Onyankopɔn ayɛ.